Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp16 nɔma 3 kr. 5-6
  • Wobɛyɛ Dɛn Anya Awerɛkyekye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobɛyɛ Dɛn Anya Awerɛkyekye?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina M’awerɛhow No Ano?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
  • Afoforo Bɛyɛ Dɛn Aboa?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
  • “Mo ne Wɔn a Wosu Nsu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Nea Wobɛyɛ A Ɛbɛma Woatumi Agyina Ano
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
wp16 nɔma 3 kr. 5-6

ASƐM A ƐDA SO | WO DƆFO BI WU A DƐN NA WOBƐYƐ?

Wobɛyɛ Dɛn Anya Awerɛkyekye?

Sɛnea yɛkyekye nkurɔfo werɛ de, ɛho afotu yɛ aduɔkron nkron nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛyɛ afotu pa. Ebinom mpo ka sɛ, sɛ wo biribi wu a, ɛho nhia sɛ wubesu anaa wubedi awerɛhow koraa. Afoforo nso ka sɛ, ɛsɛ sɛ wusu araa ma obiara hu sɛ asɛm bi ato wo ampa. Nanso sɛ wokan Bible a, wubehu sɛ afotu a ɛde ma no fata paa. Nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi ara mpo foa nea Bible aka so.

Mmeae bi wɔ hɔ a wɔkyerɛ sɛ ɔbarima nsu. Wohwɛ a, saa asɛm no yɛ ampa? Na sɛ wusu wɔ nnipa mu nso ɛ? Adwene ho animdefo kyerɛ sɛ awerɛhodi de, ɛne su na ɛnam. Sɛ wotew nusu a, sɛnea yaw no te biara, nkakrankakra ebetumi abrɛ ase. Enti sɛ woka wo nusu hyɛ a, ebetumi adi wo awu. Adwene a ebinom kura sɛ ɔbarima nsu no, Bible mfoa so. Wo de, yɛnhwɛ nea Yesu yɛe bere a Lasaro wui no. Ná Yesu nim paa sɛ obetumi anyan n’adamfo no, nanso ogyinaa nnipadɔm mu suu no!—Yohane 11:33-35.

Sɛ woredi awerɛhow a, wo bo mpo tumi fuw, ɛnkanka ne sɛ owu no aba mpofirim. Nneɛma bebree na etumi kɔfa abufuw no ba. Ebi ne sɛ obi a wubu no paa bɛka nsɛnhunu akyerɛ wo. Mike fi South Africa, na ɔka sɛ: “Me papa wui no, na madi mfe 14 pɛ. Yɛreyɛ n’ayi no, Anglikan sɔfo bi kae sɛ nnipa pa nkyɛ na wɔawu; Onyankopɔn na ɔfrɛ wɔn.a Nea ɔkae no hyɛɛ me abufuw paa efisɛ na yɛn papa ne yɛn biribiara. Seesei, mfe 63 atwam, nanso nea esii no da so ara yɛ me yaw.”

Wo ho nipa bi wu mpofirim a, anhwɛ a wubebu wo ho fɔ na woate nka sɛ ne wu no fi wo. Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ, ‘Biribi a ɛsɛ sɛ woyɛ a woanyɛ nti, na ɛma owui.’ Na sɛ ɛkɔba sɛ wo ne no nyaa akasakasa bi ansa na ɔrewu a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa.

Sɛ woredi awerɛhow na wo bo taa fuw anaa w’ahonim bu wo fɔ a, nka nhyɛ. Mmom, ka ho asɛm kyerɛ obi a obetie wo. Ɔbɛboa wo ama woahu sɛ ɛnyɛ wo nko ara na wote nka saa. Bible ka sɛ: “Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.”—Mmebusɛm 17:17.

Wowɔ awerɛhow mu a, fa Yehowa Nyankopɔn, yɛn Bɔfo no adamfo, na ɔbɛkyekye wo werɛ. Bɔ mpae na ka wo komam asɛm nyinaa kyerɛ no, efisɛ ‘odwen wo ho.’ (1 Petro 5:7) Wahyɛ yɛn bɔ nso sɛ, obiara a ɔka ne komam asɛm kyerɛ no no, ɔbɛma wanya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so.” (Filipifo 4:6, 7) Afei nso, awerɛkyekye nsɛm pii wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu, enti sɛ wusua a wubenya awerɛkyekye. Adɛn nti na wonhyɛ Bible mu nsɛm a ebetumi akyekyere wo werɛ no nsow? (Hwɛ adaka a ɛwɔ ase hɔ no.) Wopɛ a, wubetumi akyere Bible mu nsɛm no bi agu wo tirim, na sɛ wokɔ wo kɛtɛ so na wuntumi nna a, woadwinnwen ho; ɛno nso tumi boa paa.—Yesaia 57:15.

Jack adi mfe 40, na nnansa yi ara na kansa kum ne yere yayaayaw. Jack ka sɛ ɛtɔ da a, ɔte nka sɛ wayɛ ankonam paa. Nanso sɛ ɔbɔ mpae a etumi boa no. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Mebɔ mpae a, mihu sɛ Yehowa ka me ho. Edu anadwo a, m’ani taa tew kɛtɛ so, na mintumi nna bio. Ɛba saa a, mekenkan Bible mu nsɛm bi dwinnwen ho, na mebɔ mpae ka me komam asɛm kyerɛ Yehowa. Afei mihu sɛ me koma atɔ me yam na me ho adwo me fɔmm; wei ma mitumi da.”

Ababaa bi a wɔfrɛ no Vanessa maame yare wui; ɔno nso mpaebɔ ayɛ bi ama no. N’asɛm ne sɛ: “Sɛ me werɛ how paa a, nea meyɛ ne sɛ, mebɔ Onyankopɔn din su gu no so wɔ mpaebɔ mu. Yehowa tie me mpaebɔ na daa ɔhyɛ me den.”

Awerɛhodi ho afotufo kyerɛ sɛ, sɛ obi wɔ awerɛhow mu na ɔrepɛ awerɛkyekye a, ɛsɛ sɛ otu ne ho ma boa afoforo anaa ɔyɛ adwuma bi a ɛbɛboa ne mpɔtam hɔfo. Sɛ ɔyɛ saa a, ebetumi ama n’ani agye na ɛbɛtew n’awerɛhow so. (Asomafo Nnwuma 20:35) Kristofo pii a wɔn biribi awu ma enti wɔredi awerɛhow no ahu sɛ, sɛ wɔyɛ nnwuma bi de boa afoforo a, ɛma wonya awerɛkyekye.—2 Korintofo 1:3, 4.

a Bible nkyerɛkyerɛ saa, na mmom ɛma yehu nneɛma mmiɛnsa bi a ɛma nnipa wu.—Ɔsɛnkafo 9:11; Yohane 8:44; Romafo 5:12.

AWERƐKYEKYESƐM BI A ƐWƆ BIBLE MU

  • W’abɛbrɛsɛ nyinaa mu, Onyankopɔn dwen wo ho.—Dwom 55:22; 1 Petro 5:7.

  • Onyankopɔn nya abotare tie n’asomfo mpaebɔ.—Dwom 86:5; 1 Tesalonikafo 5:17.

  • Nnipa a wɔawuwu no, Onyankopɔn kae wɔn.—Hiob 14:13-15.

  • Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obenyan awufo.—Yesaia 26:19; Yohane 5:28, 29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena