Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w17 June kr. 32
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Pamoo Nkurɔfo a Wɔregu Asɔrefie No Ho Fĩ
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔtee Asɔrefie no Ho Bio
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Tew Asɔrefi Hɔ
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
w17 June kr. 32
Yesu repam aguadifo a na wɔredi gua wɔ asɔrefie hɔ no

So Wunim?

Aguadifo a na wɔtɔn mmoa wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ no, adɛn nti na yebetumi aka paa sɛ na wɔyɛ “adwowtwafo”?

ASƐMPA a Mateo kyerɛwee no ma yehu sɛ, “Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ kɔpam wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ ade nyinaa fii asɔrefie hɔ, na ɔkekaa sikasesafo no apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no nkongua butubutuwii. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Wɔakyerɛw sɛ, “Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie,” nanso mo de, moredan no adwowtwafo atɛwee.’”—Mat. 21:12, 13.

Yudafo abakɔsɛm kyerɛ sɛ, na aguadifo a wɔwɔ asɔrefie hɔ no sisi adetɔfo no. Ná wɔtɔn nneɛma aboɔden ma wɔn. Ɛho nhwɛso ni. Mishnah (Keritot 1:7) no kae sɛ, asomafo no bere so no, mmorɔnoma mmienu a na wɔde bɔ afɔre bo kɔɔ soro paa. Sɛ ɔpaani de nnafua 25 yɛ adwuma a na na obetumi anya sika de atɔ mmorɔnoma no. Ná ahiafo betumi de mmuruburuw anaa mmorɔnoma akɔbɔ afɔre. Nanso nnomaa yi mpo, na wɔtɔn wɔn aboɔden. (Lev. 1:14; 5:7; 12:6-8) Wei maa Rabi Simeon ben Gamaliel bo fuwii, na ɔtew afɔre dodow a wɔahyɛ sɛ Yudafo mmɔ no so. Bere a ɔyɛɛ saa ara pɛ na mmorɔnoma bo so tewee koraa. Afei, sɛ ɔpaani de nnɔnhwerew mmiɛnsa pɛ yɛ adwuma a, na obetumi anya sika de atɔ mmorɔnoma mmienu no.

Nea yɛaka yi ma yehu sɛ, na asɔrefie hɔ aguadifo no yɛ asisifo ne adifudepɛfo. Wei nti, sɛ Yesu kae sɛ wɔyɛ “adwowtwafo” a, na odi ka.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena