Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w17 June kr. 14-15
  • Ɛyɛ a Wode W’adwene Si Nea W’ani Hu Nko Ara So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛyɛ a Wode W’adwene Si Nea W’ani Hu Nko Ara So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Momma Yenkura Yɛn Gyidi a Ɛsom Bo No Mu Pintinn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ne Wura Kyerɛɛ no Sɛnea Wɔde Bɔne Firi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Odii Nokware Wɔ Sɔhwɛ Ahorow Mu
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
w17 June kr. 14-15
Adedamfikyiri bi a yɛfrɛ no Peter

Ɛyɛ a Wode W’adwene Si Nea W’ani Hu Nko Ara So?

DON yɛ Yehowa Danseni wɔ Canada. Ɔbɔ mmɔden paa sɛ ɔbɛka asɛmpa no akyerɛ adedamfikyiri anaa wɔn a wɔdeda abɔnten. Don kaa wɔn mu baako ho asɛm sɛ: “Ná minim adedamfikyiri bi a yɛfrɛ no Peter. Mereka adedamfikyiri a mahyia wɔn a efĩ aguare wɔn a, mintumi nka nnyaw no. Ná ne ho nyɛ akɔnnɔ ketekete sei mpo, na na onim nea ɔbɛyɛ araa ma obiara ntumi mmɛn no. Obiara yɛ sɛ ɔbɛboa no a, ɔmfa ne ti nnye.” Ne nyinaa mu no, Don nyaa adedamfikyiri yi ho abotare boaa no. Ɔyɛ ara a na agye agu, ɔyɛ ara a na agye agu; saa ara bɛboro mfe 14.

Don reka asɛmpa no akyerɛ Peter wɔ mfikyiri baabi

Da bi, Peter bisaa Don sɛ: “Adɛn na wohaw wo ho wɔ me ho? Obiara nhaw ne ho wɔ me ho. Adɛn nti wobrɛ me ho saa?” Ná Don pɛ sɛ ɔka asɛm ma ɛka Peter koma, enti ɔfaa anifere kwan so ne no susuw kyerɛw nsɛm mmiɛnsa bi ho. Odii kan bisaa Peter sɛ, onim sɛ Onyankopɔn wɔ din anaa. Afei, ɔmaa ɔno ankasa kenkan Dwom 83:18 fii Bible mu. Ɛno akyi no, na ɔpɛ sɛ ɔma Peter hu nea enti a odwen ne ho. Enti ɔma ɔkenkan Romafo 10:13, 14. Ɛhɔ ka sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa.” Afei Don kenkan Mateo 9:36. Owiei no, ɔka kyerɛɛ Peter sɛ ɔno ara nso nkenkan. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Bere a Yesu huu nnipakuw no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔayɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ.’ Ɔkan wiei pɛ, ɔde nusu bisaa Don sɛ: “Enti me nso meka saa nguan no ho?”

Peter fii ase sesaa n’abrabɔ. Oguaree, oyii n’abogyesɛ kama, na ɔhyɛɛ atade pa a Don de maa no no. Peter anyɛ ne ho basabasa bio.

Ná Peter wɔ nhoma bi a ɔkyerɛw ne nsɛm wom. Nsɛm a odii kan kyerɛwee no, na ɛyɛ awerɛhosɛm nko ara. Nanso akyiri yi, nea ɔkyerɛwee no yɛ soronko. Emu baako ni: “Ɛnnɛ mahu Onyankopɔn din. Afei deɛ, metumi abɔ Yehowa mpae. Ɛyɛ me dɛ sɛ mahu Yehowa din. Don se Yehowa betumi ayɛ m’adamfo a metumi aka me tirim asɛm akyerɛ no. Nsu mu oo, awia mu oo, biribiara a mɛka no obetie.”

Peter kyerɛw ne nsɛm a etwa to no maa ne nuabea ne ne nuabarima. Ɔkyerɛwee sɛ:

“Ɛnnɛ deɛ, mihu sɛ mente apɔw. Ɛyɛ me sɛ ɛyɛ nkwakoraabɔ. Sɛ meda na mansɔre mpo a, minim sɛ mehyia m’adamfo [Don] bio wɔ Paradise. Ennu sɛ mobɛkenkan wei no, na minni hɔ. Nanso sɛ muhu ɔbarima bi a ayɛ sɛ ɔyɛ ɔhɔho wɔ m’ayi ase a, mo ne no nkasa. Afei mesrɛ mo, monkenkan saa nhoma bruu ketewa yi [ɔreka “Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu” nhoma a ne nsa kae bere bi a atwam no. Kan no, ɛno na yɛde sua Bible].a Nhoma no ka sɛ, mehu m’adamfo no bio wɔ Paradise. Mifi me koma nyinaa mu gye asɛm yi di. Mo nua dɔfo, Peter.”

Wɔyɛɛ Peter ayi no wiei no, ne nuabea Ummi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bɛyɛ mfe mmienu ni, Peter ne me dii nkitaho. Ná mitumi hu sɛ Peter ani agye; na mihuu no saa akyɛ papa. Ɔserewee mpo.” Ummi ka kyerɛɛ Don sɛ: “Nhoma a atumi aka me nua no ma wasesa paa deɛ, na biribi wom. Wei deɛ, mɛkan.” Afei nso, Ummi penee so ma Yehowa Danseni bi ne no suaa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no. Ɛno na seesei yɛne nkurɔfo sua.

Don reka asɛmpa no akyerɛ Peter. Seesei de, wasiesie ne ho kama

Yɛn nso, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nea yɛn ani hu nko ara so. Yebetumi ayi ɔdɔ kann adi akyerɛ nnipa ahorow nyinaa, na yɛanya wɔn ho abotare. (1 Tim. 2:3, 4) Yɛyɛ saa a, ebia yebetumi aboa nnipa bi te sɛ Peter ma wɔasesa wɔn abrabɔ. Ebia nnipa ani so deɛ, wɔn ho nyɛ akɔnnɔ nanso na wɔwɔ koma pa. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn a “ɔhwɛ komam” no bɛma nokware no anyin wɔ wɔn a wɔpɛ daa nkwa no komam.—1 Sam. 16:7; Yoh. 6:44.

a Yehowa Adansefo na wotintimii nanso seesei de, wɔagyae tintim.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena