Emu Nsɛm
NNAWƆTWE A EFI ASE APRIL 30, 2018–MAY 6, 2018
NNAWƆTWE A EFI ASE MAY 7-13, 2018
8 Awofo, Moreboa Mo Ba Ama Wanya Nkɔso Abɔ Asu?
Sɛ yɛne obi resua Bible a, botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so? Adɛn nti na ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛtwentwɛn ne nan ase wɔ asubɔ ho anaa obetutu ahyɛ da? Dɛn nti na awofo a wɔyɛ Kristofo binom nhyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔmmɔ asu? Yebenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua nsɛm mmienu yi mu.
13 Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
NNAWƆTWE A EFI ASE MAY 14-20, 2018
14 Ahɔhoyɛ Yɛ Su a Ɛyɛ Fɛ, Na Ɛho Hia Pa Ara!
Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so sɛ: “Munnyigye mo ho hɔho.” (1 Pet. 4:9) Adɛn nti na yehia afotu yi pa ara wɔ yɛn bere yi so? Nneɛma bɛn saa na yebetumi ayɛ de ada ahɔhoyɛ adi? Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ ahɔho a yɛda suban pa adi? Yebesusuw nsɛmmisa yi ho wɔ adesua yi mu.
19 Asetenam Nsɛm—Yehowa Nnii Me Huammɔ Da!
NNAWƆTWE A EFI ASE MAY 21-27, 2018
23 Nteɛso—Ɛkyerɛ Onyankopɔn Dɔ
NNAWƆTWE A EFI ASE MAY 28, 2018–JUNE 3, 2018
Adesua nsɛm mmienu yi bɛboa yɛn ama yɛahu sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn pa ara nti na ɔteɛ yɛn so. Nanso, sɛn na Onyankopɔn teɛ yɛn so? Sɛ ɔteɛ yɛn so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ yɛn ho so? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua nsɛm yi mu.