Nsɛm A Ɛwɔ Jw Library Ne Jw.Org
WƆBƆE ANAA?
Sɛnea Bonsu De Ne Sũ Hwehwɛ Ade
Bonsu a n’ano te sɛ toa no tumi de ne sũ hwehwɛ ade. Nyansahufo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ne sɛso sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ mfiri bi a ebetumi ama wɔahu nneɛma a ne hwehwɛ yɛ den wɔ po ase.
Wubue JW Library a, kɔ NHOMA> NSƐM A ƐBA TOATOA SO > WƆBƆE ANAA?
Wokɔ jw.org/tw a, kɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ > NYANSAHU NE BIBLE > WƆBƆE ANAA?
MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO
Sɛnea Wobɛboa Wo Ba Ma Wabɔ Mmɔden Wɔ Sukuu
Sɛ wohyɛ wo ba so a, ɛde adwinnwen ne kɔdaanna na ɛbɛbrɛ no wɔ sukuu ne fie nyinaa. Awofo betumi ahu ɔhaw pɔtee a ɛmma wɔn mma mmɔ mmɔden wɔ sukuu, na wɔahyɛ wɔn mma nkuran ma wɔasua ade.
Wubue JW Library a, kɔ NHOMA > NSƐM A ƐBA TOATOA SO > MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO.
Wokɔ jw.org/tw a, kɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ > AWARE NE ABUSUA > MMOFRA NTETEE.