Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Ɔwɛn-Aban So
1 Ade a ɛho hia adesamma sen biara nnɛ ne nniso pa a ɛde asomdwoe ne ahotɔ bɛba. Mfe mpempem pii ni no nnipa asɔ nniso horow a ɛwɔ hɔ nyinaa ahwɛ a wɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛma wɔanya nea wɔhwehwɛ, nanso ayɛ ɔkwa. Mmom no, adesamma rehyia tebea a emu yɛ den sen biara, ahotɔ a enni hɔ ne ɔsɛe a nuklear akodi betumi de aba adesamma abusua no nyinaa so.
2 Ɛnde so daakye asomdwoe ne ahotɔ ho anidaso bi wɔ hɔ? Esiane sɛ atirimpɔw bi nti na Ɔbɔadeɛ no de onipa too asase so ha no, ɛda adi sɛ anidaso pa bi wɔ hɔ ma daakye. Ɔka wɔ Yesaia 32:17, 18 sɛ: “Trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ kommyɛ ne ahotoso akosi daa; na me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.”
3 Ɔkwan bɛn so na eyi bɛba? Ɛdenam trenee Ahenni a wɔkyerɛɛ Kristofo sɛ wɔmmɔ ho mpae no so: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mat. 6:10) Ɛdenam saa Ahenni a ɛwɔ ne Ba, Yesu Kristo nsam no so no, Yehowa abɔ ne tirim sɛ nhyɛso, ahotɔ a enni hɔ ne ɔhaw ahorow nyinaa bɛba awiei. Odwontofo no kae sɛ: “Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio.” (Dw. 72:7) Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ yehu sɛ tebea horow a yɛhwehwɛ yi bɛba wɔ yɛn bere so! Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu mu yiye? Ɔwɛn-Aban, a wɔahyira so ama Yehowa ahenni ho dawurubɔ no bɛboa yɛn ma yɛanya nsɛm a ɛho hia no.
4 Ne saa nti, ɛyɛ hokwan kɛse a yɛanya sɛ yɛde Ɔwɛn-Aban no bɛmema nnipa nyinaa ma wɔn nsa aka emu nsɛm a ɛbɛma wɔanya anidaso pa yi. Nokwaredi ne nnamyɛ a yɛde ka asɛmpa no bɛma ofiewura no ahu sɛ asɛm a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu no som bo. W’asɛnka no mu no wubetumi aka biribi sɛɛ: “Makye. Ɛyɛ me dɛ sɛ manya bere kakra de awerɛkyekyesɛm bi reba wo nkyɛn na mabɛto wo wɔ fie. Wiase nyinaa no nkurɔfo adwene mu ayɛ wɔ basaa wɔ nea ɛbɛba daakye ho. Asomdwoe ne ahotɔ abɔ adesamma na ama aman no resiesie wɔn ho denneennen ama akodi. Anidaso a nkurɔfo wɔ wɔ nnipa nniso horow mu no ayɛ kwa mpɛn pii. Afei asemmisa no ne sɛ, So asomdwoe ne ahotɔ ho anidaso bi wɔ hɔ? (Ma wommua.) Esiane sɛ atirimpɔw bi nti na Ɔbɔadeɛ no de onipa too asase so no, ɛda adi sɛ daakye ho anidaso bi wɔ hɔ, a nneɛma a ayɛ basaa mprempren yi mfa ho. Osi eyi so dua kyerɛ yɛn wɔ n’Asɛm Bible no mu. Sɛ nhwɛso no, Dwom 72:7 se (kenkan) . Bere bɛn na eyi bɛba? (Ma kwan ma wommua.) Ɛyɛ bere a n’Ahenni a yɛbɔ ho mpae sɛ ‘W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro’ no bɛba. (Mat. 6:10) Saa nsɛmma nhoma, Ɔwɛn-Aban, yi (fa kyerɛ no na fa hyɛ ne nsa, sɛ ɛbɛyɛ yiye a) bɔ Ahenni yi ho dawuru na ɛda ɛho nsɛm a ehia a ɛwɔ Bible mu nyinaa adi. Ɛbɛyɛ m’anigye sɛ mɛboa wo ma woakra bi, a ɛyɛ ¢8.00 pɛ.
5 Sɛ bere ma kwan a, kyerɛ no biribi a ɛyɛ anigye wɔ nsɛmma nhoma no mu a ɛbɛma n’ani agye sɛ ne nsa bɛka na wakenkan. Yɛ nhyehyɛe sɛ ‘wobɛsan akɔ ne nkyɛn ne no akɔbɔ Ahenni no ho nkɔmmɔ bio, ahwɛ sɛ wubetumi afi Bible adesua ase. Ma w’asɛnka no nyɛ nea emu yɛ hyew na ɛyɛ anifere kwan so. Ɔkwan biara so no bɔ mmɔden sɛ wubegyaw atenka pa.