Yɛn Som Adwuma No Ho Adwempa A Yebenya
1 Kari a yebekari pɛ wɔ honhom mu no yɛ Kristofo su a ɛfata. Sɛ yebekari pɛ no kyerɛ sɛ yetumi susuw hia a biribi ho hia anaasɛ ɛbo a ɛsom ho yiye. Efisɛ sɛ yɛkari pɛ a, yebetumi akwati akwanside ahorow, nneyɛe horow ne mfomso horow a ɛsɛe yɛn som ma Yehowa no. Na eyi nam nyansa a Bible mu nnyinasosɛm ahorow ho nimdeɛ de ba no so. (Mmeb. 2:10-15; 3:5, 6) Nnyinasosɛm ahorow yi sua ne dwuma a yɛde di boa ma yenya “nkatede [a] akokwaw papa ne bɔne yiyi ho.” (Heb. 5:14) Obi a ɔkari pɛ wɔ honhom mu sɛ Kristoni no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛda anidahɔ, odwo, boasetɔ, ahosodi, nhumu ne nokwaredi adi wɔ nea ɔyɛ nyinaa mu. Mpɛn pii no onipa a ɔte saa tumi yɛ pii, nya anigye kɛse wɔ ne som mu na otumi gyina tebea a emu yɛ den ano. Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yebenya saa su pa yi.
MMƆDEN A YƐBƆ SƐ YEBEKARI PƐ
2 Yɛtaa hu nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ ɔhonam fam adwuma mu araa ma kakraa bi pɛ na wotumi yɛ wɔ asɛnka adwuma no mu. Dɛn ne honam fam adwuma atirimpɔw? (1 Tim. 5:8) Dɛn na ɛbɛma ada adi sɛ yɛnkari pɛ? (Luka 12:18-21) Dɛn ne adwene a ɛfata? (Mat. 6:31-33) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akari pɛ wɔ ɔhonam fam ne honhom fam asɛyɛde ahorow ho?—1 Tim. 6:6-8; Heb. 13:5, 15.
3 Nnɛyi wiase no si agodi ne nneɛma a yɛde begye yɛn ani so dua kɛse. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, eyi betumi aka yɛn nso ma yɛde yɛn ho ahyɛ nneɛma a ɛtete saa akyidi mu kɛse. So ɛyɛ mfomso sɛ yebegye yɛn ani? (Ɔsɛnk. 3:12, 13) Bere bɛn na na yɛakɔ akyi dodo? (2 Tim. 3:4) Nnyinasosɛm ahorow bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu agodi a ɛfata anaasɛ bere tenten a ɛfata sɛ yɛde yɛ saa?—Fil. 4:8; 1 Tim. 4:8; Efe. 5:15, 16; Luka 8:14.
4 Yehyia nsɛm a emu yɛ den pii wɔ abusua no honhom fam ne ɔhonam fam ahiade ho dwumadi mu. Agya betumi ayɛ obi a ɔbɔ mmɔden yiye wɔ asɛmpaka adwuma no mu bere a ne mma nneyɛe wɔ Ahenni Asa so mfata. Anaasɛ ɔyere a n’ani ku ne fie siesie ho yiye no nsusuw abusua no honhom fam ahiade no ho titiriw biara. Asɛyɛde atitiriw abien bɛn na ɛho hia? (Efe. 6:4; Rom. 10:10) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ abusua no honhom fam yiyedi yɛ nea ɛho hia kɛse sen nneɛma afoforo a ɛho hia nyinaa? (1 Tim. 3:4, 5; Mmeb. 10:1) Mfaso pa bɛn na efi mu ba bere a awofo kari pɛ wɔ nea wɔyɛ nyinaa mu?—Mmeb. 24:3, 4.
5 Bere ne bere mu no, ɛyɛ den ma ebinom sɛ wofi wɔn koma nyinaa mu benya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa. Sɛ wɔkɔ asɛnka a, ɔkwan bi so no ebia wɔbɛte nka sɛ wɔrehyɛ wɔn ho. Akyiri yi ebia wɔbɛyɛ basaa esiane nea ɛte sɛ sintɔ kɛse a wɔn ankasa wɔ no nti. So ɛyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ da bi a Kristoni renyɛ nsi wɔ adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no ho? (Gal. 5:17; Rom. 7:19, 20) So hia a ehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho na yɛatumi ayɛ adwuma bi no kyerɛ sɛ yɛadi nkogu? (1 Kor. 9:16, 26, 27) Ɔsom a yɛde ma Yehowa no sɔ ani, sɛ adwene a yekura no teɛ a. (Kol. 3:23, 24) Ɛfata sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom mmoa yɛn mma yennya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ ade ma ɛne ne pɛ ahyia.—1 Yoh. 5:14.
6 Ade titiriw a ɛboa ma yɛkari pɛ ne sɛ yebehu sɛnea yɛte ankasa, a yɛnhwehwɛ nea ɛdɔɔso dodo anaasɛ nea esua dodo mfi yɛn nkyɛn. Sɛ yɛn dwumadi ne yɛn mmɔdenbɔ, yɛn nsɛm tebea ne yɛn hokwan ahorow hyia, a yɛmfa yɛn ho ntoto nea afoforo yɛ no ho a, na yɛkari pɛ. Sɛ yehu sɛ yɛtɔ sin a, ɛsɛ sɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani no kanyan yɛn ma yɛyere yɛn ho. Nkate a yɛn ankasa nya sɛ yɛresɔ Yehowa ani no de abotɔyam ne asomdwoe ba.