Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bedi dwuma July mu: Ɔwɛn-Aban a yɛbɛma wɔakra, de nhoma nketewa anaa akɛse a ekura nkratafa 384 no biako aka ho kwa, sɛ yɛwɔ bi a. Nea ɛba adapɛn abien biara no yɛ ¢8.00, na nea ɛba daa ɔsram no bɛyɛ ¢4.00. August: Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ—Ɛhe Na Efi? wɔ Borɔfo ne Ewe mu de agye ¢3.00. “Nneɛma a Onyankopɔn Ntumi Nni Mu Atoro” ne Daa Nkwa Wɔ Onyankopɔn Mma Ahofadi Mu wɔ Ga ne Twi mu, de agye ¢3.00. September: Nkratawa kyekyɛ, ne nhoma kɛse biako, de agye ¢1.50. October: New World Translation ne nhoma nketewa a aba nnansa yi no biako, de agye ¢7.50.
● Ɛsɛ sɛ asafo horow hwɛ nhoma a wɔwɔ na wɔkra nea wobehia de ayɛ adwuma wɔ asram a ɛreba no mu.
● Yɛkae asafo horow a wɔmfaa wɔn asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu dwumadi ho akwammisa krataa mmae no ma wɔayɛ saa mprempren.
● Wɔde Literature Inventory (S-18) nkratasin abien remana asafo biara. Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ eyi September 1 na wɔde biako mana Asafo ti no ntɛm, na asafo no de biako sie.