Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/82 kr. 3
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1982
Yɛn Ahenni Som—1982
km 3/82 kr. 3

Asemmisa Afã

● Kyerɛwsɛm mu no, so ɛyɛ mfomso sɛ wobedi Nkaedi abodoo, anaasɛ wɔbɛnom bobesa a aka no wɔ afahyɛ no akyi?

Engiresi Ɔwɛn-Aban April 1, 1960 de no kratafa 224 ma mmuae sɛnea edidi so yi:

“Wobetumi de Nkaedi no ho sɛnkyerɛnne no nkae no akɔ fie bere a afahyɛ no aba awiei na wɔadi, sɛnea wodi aduan foforo biara no. Biribiara nni ho a ɛhyɛ da yɛ kronkron bere a adeyɛ no aba awiei. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔyɛ eyi bere a wɔawie Awurade Anwummeduan no di no ara wɔ Ahenni Asa no so wɔ animtiaabu mu.”​—Hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban March 1, 1969, nkr. 159, 160 ne Ɔwɛn-Aban February 1, 1976, nkr. 27-30 nso mu.

Ebinom nso abisa sɛ Kyerɛwsɛm no tia hyia a anuanom behyiam agye wɔn ani ansa na wɔakɔ Nkaedi no ase anaasɛ ɛno akyi.

Sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ Yɛn Ahenni Som, August 1980 de no kratafa 4 no, sɛ́ anuanom behyiam agye wɔn ani no yɛ ankorankoro asɛm. Saa nhyiam ahorow yi ne Nkaedi no nni hwee yɛ wɔ Kyerɛwsɛm mu. Bere dodow a wokura Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a edi Kristoni som ne n’abrabɔ so mu wɔ saa nhyiam horow yi ase no, obiara rentumi nkasa ntia wɔn a wɔyɛ saa no wɔ ɔkwan a ɛfata so, ɛwom sɛ ebia ebinom bɛpɛ sɛ wɔtra fie komm anwummere wɔ Nkaedi no akyi susuw ɛda kɛse yi ne nea ɛkyerɛ ma,wɔn no ho de.

Nea etwa to no, wɔ nea yɛyɛ biara mu no, ‘yɛnyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano’ ne afotu a ɛfata titiriw ma Kristo wu Nkaedi no.​—1 Kor. 14:40.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena