Nkaebɔ Ahorow
● Afe yi Nkaedi no si Yawda, April 8. Wɔde Nkaedi ho ɔkasa a wɔasan ahyehyɛ no foforo remana asafo ahorow nyinaa. Yɛsrɛ mo monkae sɛ ɛnsɛ sɛ Nkaedi abodoo ne bobesa a wɔde fa atiefo anim no fi ase kosi sɛ owia bɛtɔ ansa, ɛwom ebia ɔkasa no betumi ahyɛ ase ntɛm. Yɛrenyɛ Ɔsom Nhyiam ne Teokrase Ɔsom Sukuu ho nhyehyɛe mma Nkaedi dapɛn no. Wɔ 1983 mu no Nkaedi no bɛyɛ Benada, March 29 na 1984 de no bɛyɛ Kwasida, April 15.
● Sɛnea yɛyɛ daa no asafo ahorow nsa betumi aka Nkaedi bobesa no bi wɔ Baa Dwumadibea ha bere a wɔde wɔn ade a emu tew a wɔde begu mu aba no anaasɛ denam ɔmantam sohwɛfo no so wɔ ɔmansin nhyiam horow ase wɔ March mu. Abodoo a mmɔkaw nni mu no de ɛsɛ sɛ asafo biara yɛ ne de. Yɛsrɛ mo monhwɛ February 1, 1976, Ɔwɛn-Aban kratafa 29 na moahu ɔkwan a wɔfa so yɛ Nkaedi abodoo a ɛfata.
● AKYERƐWFO: Yɛsrɛ mo monhwɛ sɛ mobɛhyehyɛ Nkaedi ho Amanneɛbɔ kratasin no fɛfɛɛfɛ na mode amana ntɛm so wɔ Nkaedi no akyi. Yɛsrɛ mo, monhwɛ February 1, 1976, Ɔwɛn-Aban, kratafa 30 na moahu wɔn a ɛfata sɛ mokan wɔn sɛ wodii bi.
● Baguam ɔkasa titiriw a wɔbɛma no wiase nyinaa wɔ March 28, 1982 no asɛmti ne: “Aduru Biako Pɛ a Ɛwɔ Hɔ Ma Adesamma a Wɔyare.” Yɛde ɔkasa no bi abrɛ mo asafo no dedaw. Asafo ahorow a wɔnyɛ wɔn babuam nhyiam horow Kwasida no betumi ama saa ɔkasa yi dapɛn a efi ase March 28 no mu. Mubetumi ama ɔkasa no dapɛn a edi hɔ no sɛ mo mansin sohwɛfo nsrahwɛ anaasɛ ɔmansin nhyiam si March 28 a.
● Yɛhyɛ mo nkuran sɛ munni Nkaedi Bible akenkan ho nhyehyɛe a wɔayɛ no akyi na da biara monkenkan na afei nso momfa mo ho nyinaa nhyɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe a wɔayɛ wɔ dapɛn no mu mu.
● Nhoma a yɛde bɛma wɔ March mu: Nhoma nketewa no biako ¢5.00. Sɛ mowɔ eyinom bi a yɛhyɛ nyansa sɛ momfa nni dwuma: So Asetra Yi Ara na Ɛwɔ? wɔ Twi mu. Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ wɔ Ewe ne Twi mu. Onyankopɔn Daa Atirimpɔw wɔ Ewe mu ne Nokware nhoma no wɔ Ga mu. April ne May: Ɔwɛn-Aban a yɛbɛma wɔakra. Nea ɛba daa ɔsram-fã no bo yɛ ¢28.00 na nea ɛba daa ɔsram no bo yɛ ¢16.00.
● Nhoma Horow a Ɛwɔ Hɔ:
“Babylon the Great Has Fallen!” wɔ Borɔfo mu. (Sɛ nea ɛwɔ hɔ yi sã a ebi remma bio.)
Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu—Twi
Ɔkasa Ho Kratasin—Ewe
Literacy Kit—Ga
Learn to Read and Write—Engiresi