Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Bere A Abofra Ba Ɔpon No Ano
1 Wɔ yɛn afie afie asɛnka adwuma no mu no ɛyɛ a yehyia mmofra a wɔka kyerɛ yɛn sɛ, “m’awofo nni fie.” Sɛ ɛba saa a, dɛn na yɛka? Yesu gyee bere kasa kyerɛɛ mmofra wɔ ne som adwuma no mu. Ɛnyɛ sɛ ebia na.ɔpɛ mmofra asɛm ara kwa nti. Nea na ɛho hia kɛse no, na n’ani gye wɔn nkwagye ho. Saa ara na ɛte nnɛ.—Mat. 19:13-15.
2 Adawurubɔfo pii ahu sɛ ɛho wɔ mfaso sɛ, sɛ wohyia mmofra wɔ asɛnka mu a, wobebisa wɔn sɛ ebia wonim ‘Awurade Mpaebɔ’ no anaa. Mmofra pii nim na wɔn ani gye sɛ wɔbɛka akyerɛ. Wubetumi atwe wɔn adwene akɔ asɛm ‘w’ahenni mmra’ anaa ‘nea wopɛ nyɛ asase so’ no so, abisa mmofra no sɛ ebia wonim sɛnea nneɛma bɛyɛ wɔ asase so wɔ Ahenni no ase, na afei wode kyerɛw nsɛm a ɛfata te sɛ Adiyisɛm 21:3, 4 akyerɛkyerɛ mu.
3 Wɔ mmofra nkumaa fam no, bere a moabɔ nkɔmmɔ tiaa no, ɛtaa yɛ nea nyansa wom sɛ wode kratawa bi begyaw no na woasan aba bere a awofo no wɔ fie. Sɛ wosan kɔ a, wubetumi aka nkɔmmɔ fɛfɛ a wo ne abofra no bɔe ho asɛm, akamfo no wɔ Bible ho anigye a ɔwɔ no ho, na woakɔ so ada wo nsrahwɛ no atirimpɔw adi. Ɛno mpo, sɛ abofra no wɔ hɔ a, wubetumi atwe no aba nkɔmmɔbɔ no mu, ebia wubehu sɛ ɛbɛboa ma awofo no akɔ so akyerɛ anigye.
4 Sɛ mmofra a wɔn ani afi ba pon no ano na wɔn awofo nni fie a, fa hokwan no di adanse. Mmerante ne mmabaa pii susuw daakye ne nea ɛde bɛba no ho. Yebetumi abisa wɔn nea wosusuw sɛ daakye bɛyɛ ho asɛm, na afei yɛde Bible no akyerɛ wɔn daakye a ɛyɛ nwonwa a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ sɛ ɛbɛba wɔ n’Ahenni ase no. Wubenya nsɛm a ɛho wɔ mfaso ma mmofra wɔ nsɛm foforo a epue Engiresi Nyan! mu a wɔaka ho asɛm wɔ Baa Krataa mu wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu no’mu.
5 Mo nkɔmmɔbɔ tiaa no mu no ebia na woama mmofra no ani agye yɛn nhoma ahorow no bi ho, te sɛ Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm no. Nanso ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ wode bi bɛma wɔn bere a wɔn awofo nni fie esiane nneɛma ahorow bi nti, a biako ne ne bo no. Na, nsɛm bi mu no awofo wɔ hokwan sɛ wɔhwɛ nneɛma a wɔn mma betumi akenkan. Sɛ saa na ɛte wɔ mmofra a wo ne wɔn kasa no fam a, wopɛ sɛ wode obu ma eyi. Wubetumi aka akyerɛ wɔn sɛ wobɛsan aba bere a wɔn awofo wɔ fie na woahyɛ wɔn nkuran ma wɔagye nhoma no ama wɔn. Afei wubetumi de kratawa te sɛ Is Planet Earth Near the Brink? (So Asase Okyinsoromma Awiei Abɛn?) anaa nsɛmma nhoma dedaw bi ama wɔn a wunnye ho sika biara. Ɛnyɛ mfomso biara sɛ wobɛhyɛ mmofra no nkuran ma wɔakenkan mu na sɛ wɔn awofo ba a wɔde ama wɔn. Na afei hwɛ sɛ wobɛsan akɔ hɔ ntɛm ara sɛnea wubetumi.
6 Yiw, sɛ mmofra ba ɔpon no ano a, ɛfata sɛ wudi adanse. Nhumu a wɔde di dwuma mmom na ɛho hia. Ɛdenam atɛmpa a wɔde di dwuma so no, adawurubɔfo bi atumi ama mmofra abenya nokware no ho nimdeɛ, na akyiri yi, wɔn awofo nso aba nokware no mu. So woanya osuahu bi a ɛte saa?