Nkaebɔ Ahorow
● NHOMA A YƐDE BƐMA: October ne November: New World Translation of the Holy Scriptures ne Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn nhomawa de agye ¢26. December ne January: Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! anaa n’abien nyinaa a yɛbɛma wɔakra. February, 1983: You Can Live Forever in Paradise on Earth, ¢20. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔreyɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu adwuma no ma wɔkra Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! anaa n’abien nyinaa. Monyɛ eyi, a ɛmfa ho sɛ asram bɛn mu na moreyɛ asasesin a ɛnyɛ asafo biara de no mu adwuma.
● Yɛsrɛ mo, monkae sɛ yebebu kratawa Enjoy Life on Earth Forever! no ho akontaa sɛ nhomawa, ɛnyɛ sɛ nsɛmma nhoma.
● Asafo kakraa wɔ hɔ a yɛn nsa nkaa wɔn Literature Inventory kratasin no ara ɛ. So moahyehyɛ mo de de amana anaa?
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika nkontaabu mu hwɛ asram abiɛsa biara, sɛ ebia September 1, December 1, March 1 ne June 1. Sɛ monyɛe efi September 1 a, ɛnde eyi yɛ bere pa a ɛsɛ sɛ moyɛ, na mokɔ so yɛ no sɛnea nhyehyɛe no te no.
● Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo a wɔnyɛɛ saa dedaw no hyehyɛ Pioneer Information Report (S-207) no na wɔde mana Asafo ti no mprempren. Wɔde S-207 nkratasin no abien kɔmaa asafo biara July mu. Sɛ akwampaefo nni asafo no mu mpo a, ɛsɛ sɛ wɔde kratasin no biako mana asafo no na wɔde krataa tiaa bi ka ho de kyerɛ sɛ akwampaefo nni hɔ. Momfa biako a aka no nhyɛ asafo no kyerɛwtohɔ mu.