Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/82 kr. 1-3
  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea
  • Yɛn Ahenni Som—1982
Yɛn Ahenni Som—1982
km 12/82 kr. 1-3

Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Adɔfo Ahenni Adawurubɔfo:

Yɛn 1982 afe asɛm no ayɛ: “Enti, me nuanom adɔfo, muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.” (1 Korintofo 15:58) So yɛayɛ nea ɛne saa kyerɛwnsɛm no hyia? Nea ɛyɛ anigye no, yɛayɛ saa, denam Yehowa dom so. Eyi da adi wɔ afe no nkontaabu mu. Ma yɛnhwɛ.

Nea edi kan koraa no, ɔman yi mu nsɛm tebea wɔ ɔsom afe a etwaam no mu no mu yɛɛ den. Nanso, ɛdenam Yehowa mmoa so no yɛagyina pintinn na yɛakɔ so abɔ Ahenni no ho dawuru sɛ ɛne anidaso koro pɛ a ɛwɔ hɔ. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, adawurubɔfo 21,287 buu asɛnka adwuma ho akontaa ɔsram biara, na eyinom de nnɔnhwerew 3,950,908 yɛɛ Ahenni asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma. Yɛkyekyɛɛ nsɛmma nhoma 1,898,462 kaa nhoma afoforo 405,915 a yɛde memaa nnipa a wɔwɔ asɛm no ho anigye no ho. Afei, nea ɛkyerɛ sɛ yɛnyɛ nhoma tɔnfo ara kwa no, yɛsan kɔɔ wɔn a wɔwɔ asɛm no ho anigye yi nkyɛn mpɛn 1,970,003, na yɛne wɔn a wɔpenee ofie Bible adesua so no yɛɛ dapɛn dapɛn ofie Bible adesua horow 24,960. Nea efii pii a yɛyɛe wɔ Awurade adwuma mu’ no mu bae ne sɛ nnipa 841 foforo hyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa na wogyee asubɔ de yɛɛ ɛho sɛnkyerɛnne wɔ afe no mu. Anigye ne nhyira bɛn ara na ɛyɛ!

Sɛ yɛde toto afe a edi eyi anim no nkontaabu ho a, adawurubɔfo dodow no nna nkɔso a yɛpɛ adi. Nanso eyi nyɛ akyirisan nti. Mmom no, efi yɛn adawurubɔfo no pii a wɔatu kɔ aman afoforo so, a ebinom de wɔn yerenom ne wɔn mma kaa ho nti. Amanneɛbɔ ahorow a yɛn nsa ka kyerɛ sɛ adawurubɔfo yi mu dodow no ara rebɔ mmɔden yiye, ebinom resom sɛ mpanyimfo, ne afoforo nso sɛ asafo mu asomfo. Eyi ma yɛn ani gye.

Nnipa 76,305 baa Kristo wu Nkaedi no ase. Eyi kyerɛ sɛ yɛda so wɔ pii yɛ wɔ Awurade adwuma no mu’ na yɛde aboa eyinom a wɔwɔ asɛm no ho anigye no ma wɔagyina Yehowa afã. Eyi nti na anuanom mmarima ne mmea pii yɛɛ nhyehyɛe de wɔn ho hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma no mu wɔ ɔsom afe no mu, na wɔne daa akwampaefo 1,122 no abom ayɛ adwuma de aboa ma nguankuw no anoboaboa no akɔ so ntɛmntɛm. So wunyaa akwampaefo boafo adwuma no mu kyɛfa wɔ afe no mu? Sɛ woyɛɛ saa a, woayɛ ade yiye, na yɛhyɛ wo nkuran na woayɛ pii afe yi. Sɛ wɔantumi anyɛ bi a, yɛhyɛ wo nkuran na woabɔ mmɔden ayɛ nhyehyɛe na woanya adwuma a ɛyɛ anigye yi mu kyɛfa bere bi wɔ ɔsom afe yi mu.

Anuanom, bere a aka no sua. (1 Kor. 7:29) Na ampa sɛ, ‘pii da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.’ Sɛ yɛde adawurubɔfo no toto ɔman yi mufo dodow ho a, ɔdawurubɔfo 1 biara wɔ hɔ ma nnipa 505. Ɛsɛ sɛ yɛde bere a aka no di dwuma yiye ma Ahenni asɛmpa no du nkurɔfo nkyɛn. Enti, yɛ wo ankasa wo nhyehyɛe, fa botae bi si w’anim wɔ ɔsom adwuma no afã horow mu, titiriw wɔ nnɔnhwerew a wode yɛ adwuma wɔ asɛnka mu ne ofie Bible adesua adwuma mu. Bɔ Yehowa mpae srɛ ahoɔden ne mmoa na onhyira mmɔden a wobɔ sɛ wubedu botae horow yi ho no so. Bere a ɛsɛ mu no, wubenya anigye a efi ɔma mu ba no.​—Aso. 20:35.

Sɛnea ɔsomafo Paulo kae wɔ Galatifo 6:9 no, “Momma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.” Momma eyi nyɛ yɛn mu biara botae, na yɛsrɛ sɛ mubenya asomdwoe ne anigye bere a mokɔ anim wɔ Ahenni asɛmpaka adwuma no mu wɔ Yehowa akwankyerɛ a ɔdɔ wom ase no.

Mo nuanom,

ACCRA BAA DWUMADIBEA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena