Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/83 kr. 3-4
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1983
Yɛn Ahenni Som—1983
km 1/83 kr. 3-4

Nkaebɔ Ahorow

● NHOMA A YƐDE BƐMA: January: Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! anaa n’abien nyinaa a yɛbɛma wɔakra. February, April ne May: You Can Live Forever in Paradise on Earth ¢20. March: Happiness​—How to Find It anaa Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ wɔ Ewe ne Twi mu, ¢5

● Nkaedi ne Ɔkasa Titiriw: Afe yi Nkaedi no si Benada, March 29, bere a owia akɔtɔ. Ɔkasa titiriw no asɛmti ne: “Nyamesom Atemmu Bere” na wɔbɛma no Kwasida, April 10. Asafo ahorow a wɔnyɛ wɔn baguam nhyiam Kwasida no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi April 10 akyi no mu, ɛnyɛ nea edi ɛno anim no mu.

● Sɛnea yɛyɛ no no, yebenya nsa ano krataa biako a yɛde bɛto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi ne ɔkasa titiriw no ase. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow kra eyi MPREMPREN. Ɛsɛ sɛ wɔkra no 100 mu. 100 yɛ ¢2.40. Ɛho nhia sɛ mode sika ka krataa a mode rekra no ho. Krataa a mode rekra no betumi adi kan aba. Mobetumi de ne sika aka nhoma sika a mode bɛmana ɛno akyi no ho. Wɔde ne sika no bɛtew mo nhoma ka no so. Sɛ yɛde nkratawa no mana mo a, yɛde bɛka mo ka a mode no ho sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara bɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Yɛsrɛ mo, monhyɛ no nsow sɛ ɛsono eyi kakra wɔ kan “Nneɛma a Wɔde Sika Ka ho Kra” nhyehyɛe no ho.

● Na wo tirim a woabɔ sɛ wobɛyɛ akwampaefo boafo March ne April mu no nso ɛ? Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ woyɛ wo nhyehyɛe ahorow yiye​—honam fam adwuma, ahokafo, abusua, ne ade. Mpanyimfo, monhyɛ akwampaefo boafo adwuma ho nkuran wɔ asafo no mu.

● Yɛsrɛ akyerɛwfo a wɔwɔ asafo ahorow a wɔawie wɔn asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwumayɛ no sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔde wɔn asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu dwumadi ho amanneɛbɔ titiriw no bɛbrɛ Asafo ntɛm ara, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a.

● JANUARY MU ƆMANSIN NHYIAM HOROW:

January 1, 2: Ɔmansin 3C wɔ Nungua

January 8, 9: Ɔmansin 18 wɔ Cape Coast

January 8, 9: Ɔmansin 2A wɔ Nungua

January 15, 16: Ɔmansin 13 wo Akim Oda

January 15, 16: Ɔmansin 3B wɔ Nungua

January 22, 23: Ɔmansin 9 wɔ Jejeti

January 22, 23: Ɔmansin 2B wɔ Nungua

January 29, 30: Ɔmansin 14 wɔ Koforidua

January 29, 30: Ɔmansin 1 wɔ Nungua

● Sɛnea wɔdaa no adi wɔ September, 1982, Yɛn Ahenni Som mu (kratafa 5) no, wɔ ne nsrahwɛ a edi hɔ a ebefi ase February, 1983 mu no, ɔmansin sohwɛfo no begye bere wɔ ɔsom adwuma sohwɛfo no ho, aboa no ma wate n’adwuma no ase na wayɛ no yiye.

● Ɛda adi sɛ nnipa binom retɔ Asafo cassette ahorow no a ɛnyɛ Bible mu nsɛm a wɔakyere agu so no nti, na mmom cassette no. Eyinom popa nea wɔakyere agu so dedaw no na wɔde nnwom a wɔpɛ​—nea mpɛn pii ɛsɛe abrabɔ pa​—gu so. Ɛnyɛ atirimpɔw nti a yɛkraa cassette ahorow no nen. Enti ɛsɛ sɛ adawurubɔfo ne akwampaefo hwɛ yiye wɔ sɛnea wɔde ma ne nnipa a wɔde ma wɔn no ho.

● Yɛn ani begye ho kɛse sɛ efi saa bere yi rekɔ asafo mu adawurubɔfo ne akwampaefo bɛkra nneɛma a wohia nyinaa, a nsɛm ahorow a wɔakyere agu hama so ka no, afa wɔn asafo ahorow no so. Mmom, yɛn ani gye sɛ yɛbɛma nnipa a wɔba ha no nneɛma a wohia.

● YENNI NHOMA AHOROW YI BI WƆ HƆ

Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm

Borɔfo

“Ahenni Ho Asɛmpa Yi”

Borɔfo, Twi

Onyankopɔn Kwan Yɛ Ɔdɔ

Borɔfo, Twi

“Hwɛ Meyɛ Ade Nyinaa Foforo”

Borɔfo, Twi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena