Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/83 kr. 4
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1983
Yɛn Ahenni Som—1983
km 3/83 kr. 4

Nkaebɔ Ahorow

● NHOMA A YƐDE BƐMA: March: Happiness nhoma. April: You Can Live Forever in Paradise on Earth, ¢20.

● Wɔremmue Betel Dwoda, March 7, esiane ɔman dapɔnna a wɔahyɛ sɛ wɔmmfa nyɛ adwuma no nti.

● Afe yi ɛsono kratasin a yɛde bɛto nsa afrɛ afoforo aba Nkaedi no ase no na ɛsono ɔkasa titiriw de no nso, yɛaamfa n’abien ammom. Sɛ moakra nea ɛbom no dedaw sɛnea nkaebɔ a ɛwɔ January Yɛn Ahenni Som mu kyerɛ no a, ɛho nhia sɛ mosan kra. Yɛde n’abien nyinaa bɛbrɛ mo, emu biara dodow sɛnea mokrae no na yɛde aka mo asafo no ka ho sɛnea ɛte.

● Yɛsrɛ mo monkae sɛ ɛnsɛ sɛ wofi ase de Nkaedi abodoo ne bobesa no fa anuanom anim gye sɛ owia akɔtɔ ansa, ɛwom sɛ ebia wobetumi afi ɔkasa no ase ntɛm kakra de.

● AKYERƐWFO: Yɛsrɛ mo monhwɛ sɛ mode Nkaedi ho amanneɛbɔ kratasin a moahyehyɛ biribiara wɔ so pɛpɛɛpɛ no bɛmana Asafo ti no ntɛm ara wɔ Nkaedi no akyi. Sɛ asafo ahorow bi boom hyɛɛ Nkaedi ho fa no a, monhwɛ sɛ mobɛkyerɛw asafo ahorow no din wɔ amanneɛbɔ kratasin no so. Afei nso monkyerɛw wɔn a wodii bi no nyinaa din. Ɛbɛyɛ yɛn anigye nso sɛ mobɛkyerɛw krataa tiawa bi de akyerɛkyerɛ mu bere a eyi ne nea edi kan a obi redi bi no. Yɛsrɛ mo monhwɛ February 1, 1976 Ɔwɛn-Aban no kratafa 30 na moahu wɔn a ɛfata sɛ wɔkan wɔn sɛ wodi bi.

● Nkaedi bobesa no bi wɔ Baa Dwumadibea ha ne amantam so ahwɛfo no nkyɛn. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow ankasa yɛ wɔn Nkaedi abodoo ho nhyehyɛe.

● ƆMANSIN NHYIAM HOROW:

March 12, 13: Ɔmansin 7 wɔ Agona Ashanti

March 12, 13: Ɔmansin 4 wɔ Ho

March 19, 20: Ɔmansin 10 wɔ Kumasi

March 19, 20: Ɔmansin 12 wɔ Nkawkaw

March 26. 27: Ɔmansin 11 wɔ Dunkwa

March 26. 21: Ɔmansin 6 wɔ Tamale

● NKAEDI BIBLE AKENKAN:

Yawda, March 24 Nisan 9 Mat. 21:1-18

Fida, March 25 Nisan 10 Yoh. 12:20-50

Memeneda, March 26 Nisan 11 Mat. 21:23-46

Kwasida, March 27 Nisan 12 Mat. 26:1-16

Dwoda, March 28 Nisan 13 Mat. 26:17-19: Luka 22:7-13

Benada, March 29 Nisan 14 Mat. 26:26-56

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena