Nkaebɔ Ahorow
● NHOMA A YƐDE BƐMA: April: You Can Live Forever in Paradise on Earth ¢20. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra. Ɛbo no ne: Nea ɛba ɔsram-fã biara: ¢28 afe biako ¢16 asram asia. Nea ɛba ɔsram biara: ¢16 afe biako. (Wɔnkra nea ɛba ɔsram biara no afe fã.) July: “Let Your Kingdom Come” ¢5 anaa, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, ¢2 (wobu ho akontaa sɛ nhomawa) wode ma nnipa a wontumi nkenkan pii anaasɛ wontumi nkenkan koraa anaa awofo a wɔwɔ mmofra nkumaa.
● Asafo atintim You Can Live Forever in Paradise on Earth no bi a ɛyɛ anifuraefo de (apo 4) , ne bo yɛ ¢40 ne Man’s Salvation out of World Distress at Hand (apo 6) , ne bo yɛ ¢60. Ɛsɛ sɛ ankorankoro a wɔn ani gye ho kra bi ntɛm ara fa wɔn asafo so sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi adi ho dwuma. Dodow a yɛn nsa bɛka no na yɛbɛkra.
● Ɛyɛ Asafo no anigye sɛ ɔbɛbɔ mo amanneɛ sɛ wobefi ase atintim Ɔwɛn-Aban a wɔde nkyerɛwde akɛse akyerɛw no July 1, 1983 na aboa wɔn a wɔn ani nyɛ papa no. Mprempren de wobetintim wɔ United States ne wɔ Engiresi mu nkutoo. Wɔn a wɔbɛkra bi no nkutoo na wɔn nsa bɛka bi wɔ Ghana, afe nkrabo yɛ ¢28, Ne kɛse bɛyɛ sɛ dedaw no ara a adesua afã ne nsemmisa no nkutoo na ɛwom, ekura nkratafa 32. Ankorankoro a wɔn ani agye ho betumi akra a wɔakyerɛw kratasin (M-1) no atifi wɔ nifa, “LARGE PRINT.”
● Bere biara a obi a ɔde ne bere nyinaa yɛ ɔsom adwuma no bɛsoma obi sɛ ɔmmɛtɔ nhoma wɔ baa dwumadibea ha mma no no, ɛsɛ sɛ ɔde n’adansedi krataa ne nhoma ketewaa a ne nsa hyɛ ase a ɛkyerɛ sɛ ɔno na wama no tumi, ma oniiko no. Ɛsɛ sɛ akwampaefo aboafo de wɔn akwammisa krataa no ma obiara a wɔbɛsoma no na ɔde akyerɛ wɔ ha.
● Mmoa ho da so ara hia wɔ nsasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa wɔ Ɔmantifi Amantam no mu no mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde akwammisa ba sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ mmeae yi no yɛ daa akwampaefo anaa akwampaefo aboafo wɔ bere a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no mu, anyɛ yiye koraa no ɔsram biako. Sɛ w’ani gye adwuma yi ho wɔ afe no mu bere biara a, wubetumi ahwehwɛ ɔhokafo na moabom abisa ho kwan.
So mode mo asafo no Nkaedi ho amanneɛbɔ amana Asafo ti no dedaw? Yɛsrɛ mo mommma wɔmfa krataa mmɛkae mo ansa.
● ƆMANSIN NHYIAM HOROW:
April 2, 3: Wɔrennyɛ nhyiam biara
April 9, 10: Ɔmansin 16 wɔ Tarkwa
April 9, 10: Ɔmansin 21 wɔ Nkyeraa
April 16, 17: Ɔmansin 17 wɔ Takoradi
April 16. 17: Ɔmansin 3-B wɔ Nungua
April 23, 24: Ɔmansin 1 wɔ Nungua
April 30, May 1: Ɔmansin 18 wɔ Cape Coast