Nkaebɔ Ahorow
● NHOMA A YƐDE BƐMA: September: You Can Live Forever in Paradise on Earth. Faako a nnipa no kenkan Twi nkutoo no, fa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ma. Faako a ofiewura ntumi ntɔ nhoma no, fa nhomawa Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! ma. October: Nhoma nketewa a edidi so yi mu biara, a egyina kasa a ofiewura kenkan so: Making Your Family Life Happy, So Asetra Yi Ara na Ɛwɔ Hɔ? ne Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ—Ɛhe na Efi? November ne December: Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! anaa n’abien nyinaa a yɛbɛma wɔakra. January: New World Translation Bible ne nhoma dedaw biara a ɛwɔ Asafo mu anaa nhomawa Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!
● LITERATURE INVENTORY: Yɛhwɛ kwan sɛ yɛn nsa bɛka mo Literature Inventory a moahyehyɛ awie no biako wɔ Baa Dwumadibea ha ansa na September 15 adu. Ɛsono eyi wɔ kratasin a yɛde brɛɛ mo July mfiase hɔ wɔ bo nsakrae ho no ho. Eyi a morenyɛ no bɛma ebia mo nsa renka nhoma horow a moakra no.
● Wɔ asafo horow a ebedu September 1, 1983 wɔmpaw ɔpanyin a ɔbɛsom sɛ ɔhwɛfo guamtrani daa mu no, ɔhwɛfo guamtrani a ɔwɔ hɔ mprempren no betumi atoa so asom kosi sɛ wɔbɛpaw obi a ɔte saa.
● Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo hyehyɛ Congregation Analysis Report kratasin (S-10) no wie na wɔde eyi brɛ Asafo ti no ntɛm ara bere a wɔaboaboa August akontaabu ano awie no. Monhwɛ sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ na munni afotu a ɛwɔ so no akyi. Momfa biako nto asafo no mu.
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo sika nkontaabu mu September 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi hwɛ sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ.
● Yɛpɛ sɛ mpanyimfo san tĩ nsɛm a ɛwɔ Asafo krataa CS:DS July 10, 1980 mu, a ɛfa ahoboa a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ ho no mu. Asafo a ɛyɛ foforo betumi akɔhwɛ krataa yi mu wɔ Asafo a na kan wɔwom no mu.
● ƆMANSIN NHYIAM HOROW:
September 3, 4: Ɔmansin 2-B wɔ Nungua
September 3, 4: Ɔmansin 18 wɔ Akim Oda
September 10, 11: Ɔmansin 2-A wɔ Nungua
September 17, 18: Ɔmansin 3-B wɔ Nungua
September 17, 18: Ɔmansin 9 wɔ Jejeti
September 24, 25: Ɔmansin 1 wɔ Nungua
September 24, 25: Ɔmansin 14 wɔ Koforidua