Nkaebɔ Ahorow
● NHOMA A YƐDE BƐMA: January: New World Translation of the Holy Scriptures ne nhomawa Nya Asetra Mu Anigye wɔ Asase So Daa! February ne March: You Can Live Forever in Paradise on Earth. April: Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu.
● Wɔremma ɔkasa atitiriw a egyina United in Worship nhoma no so wɔ May mu. Monyɛ nhyehyɛe mfa nea moma daa no bi nni dwuma saa bere no.
● Nkaedi: Sɛnea ebia moahyɛ no nsow wɔ kalenda no so no, afe yi Nkaedi no si Kwasida, April 15 bere a owia akɔtɔ. Ɛho nhia sɛ asafo ahorow kra Nkaedi nsaano nkrataa. Afe yi, yɛde nsaano nkrataa no bɛmana asafo ahorow no sɛnea Yɛn Ahenni Som a yɛde mana asafo biara no dodow te na yɛde aka asafo no ka ho. Yɛde Nkaedi no ho nsɛm afoforo bɛbrɛ mo bere a ɛsɛ mu.
● Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ woyɛ nhyehyɛe a emu yɛ den na wunya akwampaefo boafo adwuma no mu kyɛfa wɔ March ne April mu. So wobɛyɛ?
● Yɛsrɛ mo, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔawie asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma no akyerɛwfo hwɛ sɛ wɔde wɔn asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa ho amanneɛbɔ titiriw no bɛmana Asafo ti ntɛm ara, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a. Ɔsom adwuma so ahwɛfo, yɛsrɛ mo, mommoa wɔn.
● Wɔ amansin so ahwɛfo nsrahwɛ a ebefi ase February, 1984, no mu no wɔne Ɔwɛn-Aban adesua sohwɛfo ne n’aboafo ne Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo no bɛyɛ adwuma Memeneda awia. Ɛsɛ sɛ wosi ɔkyerɛkyerɛ su horow ne du a wobedu koma mu so dua.—Yɛsrɛ mo monhwɛ Yɛn Ahenni Som September, 1982 de no kratafa 5.
● Nhoma foforo a aba: Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye—Twi
Nhoma horow a ebi aba bio: Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu—Twi
Your Youth—Getting the Best Out of It—Engiresi
Nkɔmmɔbɔ Nsɛmti—Twi