Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma: February ne March,: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. April: Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm. May ne June Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu.
● Adawurubɔfo ne akwampaefo, yɛsrɛ mo monkra 1983 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bound volumes no mfa mo asafo no so. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no de nea wɔakra yi brɛ Asafo ti no wɔ Literature Order kratasin (S-14) no so. Monkra dodow a muhia no nkutoo. Biako bo yɛ ¢120.00. Enni akwampaefo bo. Ɛsɛ sɛ mutua ho ka bere a mo nsa aka no. Wɔde ne bo no bɛka asafo no ka ho na wɔde sika a mode bɛba no atua.
● Wɔhyɛ nyansa sɛ asafo ahorow nyinaa a wɔnyɛɛ saa dedaw no nkyerɛw afe asɛm foforo no wɔ wɔn Ahenni Asa so. Sɛnea munim no, asɛm no ne ‘Monka Onyankopɔn Asɛm no a Munsuro.’—Fii. 1:14.
● Wɔayɛ Organized to Accomplish Our Ministry no bi a ɛyɛ anifuraefo de afei wɔ Engiresi kasa mu. Ɛyɛ apo anum, na adawurubɔfo a wɔagye asubɔ ne wɔn a wɔresiesie wɔn ho ama asubɔ na wɔbɛma wɔn bi. Nnipa a wɔte sɛe nsa betumi aka anifuraefo de yi bi denam nea wɔpɛ no ne wɔn din ne address ne sika ¢187.50 a wɔde bɛma asafo ɔkyerɛwfo no so. Ɔde nea wɔakra no bɛmana Asafo ti no. Wɔmmfa mfiri.
● Afe yi baguam ɔkasa titiriw no asɛmti ne “So Wubefi Nea Ɛbɛba Wiase Yi So No Mu Aka?” Wɔde ɔkasa no bɛmana asafo horow no nyinaa. Ɛsɛ so wɔma no Kwasida, April 1, 1984. Ɛno akyi no wɔbɛkan ɔkasa yi aka nea wɔwɔ wɔ asafo no mu a wɔma no ho sɛ nea ɛto so 84. Asafo biara a ɛnyɛ Kwasida na wɔyɛ wɔn Baguam Nhyiam no betumi ayɛ ɔkasa yi ho nhyehyɛe dapɛn a edi April 1, akyi no mu.
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo sika akontaabu mu March 1, anaa ɛno akyi bere bi.
● Ɔmansin nhyiam horow wɔ February mu:
February 11, 12: Ɔmansin 2B wɔ Kotobabi (Engiresi)
February 11, 12: Ɔmansin 10 wɔ Kumasi
February 25, 26: Ɔmansin, 3B wɔ Nungua
February 25, 26: Ɔmansin 7 wɔ Juabeng