Nkaedi Nhyehyɛe Horow
1 Yɛhwɛ kwan sɛ Kwasida, April 15, bere a owia akɔto no, nnipa a wɔn dodow bɛyɛ 90,000 ne yɛn behyiam wɔ Ghana ma yɛahyɛ biribi a ɛho hia sen biara a asi pɛn wɔ asase so no ho fã. Eyi ne Yesu wu Nkaedi no. (Luka 22:10) So yɛreyɛ ho nhyehyɛe mprempren wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma yɛakyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma nea saa adeyɛ no kyerɛ no?
2 Nneɛma ahorow bi a ɛsɛ sɛ yedi kan di ho dwuma ni (1 Kor. 14:40)
(1) So nneɛma bi wɔ hɔ a ɛho hia sɛ wɔhyɛ da siesie sɛnea ɛbɛyɛ a Ahenni Asa no so bɛyɛ nea ɛfata yiye ma bere a ɛho hia no?
(2) So ɛho hia sɛ wɔyɛ nsakrae ahorow wɔ nkongua no hyehyɛ mu anaasɛ wɔde bi ka ho?
(3) So mode abodoo ne bobesa a mo nsa bɛka ho dwumadi ahyɛ obi nsa? Afei, so wɔde wɔn a wogye ahɔho ne anuanom a wɔde Nkaedi sɛnkyerɛnnede no bɛfa anuanom anim no adwuma ahyɛ wɔn nsa, akyerɛkyerɛ wɔn mu?
(4) Nkaedi ɔkasafo ho nhyehyɛe a etwa to.
(5) Kae a wɔbɛkae obiara ma wato nsa afrɛ abusuafo, Bible adesuafo, wɔn a wɔagyae asɛnka ne nhyiam kɔ, ne afoforo.
(6) Hyɛ a wɔbɛhyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔde wɔn ho ahyɛ asɛnka adwuma mu kɛse, na wɔn a wobetumi no nso ayɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu.
3 Ɛyɛɛ yɛn anigye sɛ yehuu sɛ nnipa dodow baa Nkaedi no ase wɔ 1983 mu. Yenyaa dodow a ɛsen biara a ɛne 84,476. Ahe na yebenya wɔ 1984 mu? Yehowa nhyira mmɔden kɛse a yɛbɔ bere a yɛyɛ ade a ɛho hia sen biara yi ho nhyehyɛe no so.