Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhumu So
1 “Nea ne honhom dwo yɛ nhumu nnipa.” (Mmeb. 17:27) Mpɛn pii nyansa a ɛwɔ asɛm yi mu no yɛ nea ɛda adi wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu. Sɛ nhwɛso no, ebia yɛbɛkɔ akohu sɛnkyerɛnnede bi a ɛse, “Wɔnsrɛsrɛ Ade Wɔ Ha.” Anaa, ebia wɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yemfi ofie bi a yɛredi adanse wom mu nkɔ. Wɔ mmeae afoforo no, ebia ofie no so hwɛfo anaa adwuma so panyin no rempene so sɛ ɔbɛma yɛakɔ ɔdan bi mu. Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ tebea horow yi mu?
2 “Wɔnsrɛsrɛ Ade Wɔ Ha.” Yɛn adwuma a ɛne asɛmpa a yɛka kyerɛ na yɛde nhoma ma nkurɔfo ma wofi wɔn pɛ mu yi ho ntoboa na yɛde tua ne tintim ho ka no nyɛ sika a yɛresrɛsrɛ. Nanso, nnipa binom rennye ntom na wɔbɛka yɛn asɛnka adwuma no ho asɛm sɛ ɛyɛ nea yɛde srɛsrɛ sika. Sɛ saa a, yebetumi afi ayamye mu akyerɛkyerɛ mu sɛ yɛn adwuma no nyɛ aguadi na ɛyɛ asɛmpatrɛw anaa asɛmpaka adwuma, ne sɛ yɛyɛ asomfo, Bere a yɛreyɛ saa no, ɛsɛ sɛ yɛn kasa ho ‘ba nyam daa a nkyene wom, na yɛahu sɛnea ɛsɛ sɛ yebua obiara.’ (Kol. 4:6) Sɛ sɛnkyerɛnnede no anaa nnipa a wɔhwɛ hɔ no ka sɛ wɔmpɛ sɛ yɛba hɔ a, ɛsɛ sɛ yefi hɔ kɔ komm na ebia yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi adanse wɔ hɔ wɔ bere foforo.
3 “Wɔka sɛ fi ofie hɔ.” Sɛ wɔka kyerɛ ɔdawurubɔfo bi sɛ omfi ofie bi a ɔreka asɛm wom mu a, obetumi afa anifere kwan so akyerɛ sɛ n’adwuma no fa Onyankopɔn som ho, ɛho hia kɛse na ɛfa nnipa no yiyedi ho. Sɛ ɛyɛ kɔ a wokɔɔ hɔ Kwasida nti na wantie a, bɔ mmɔden yɛ nhyehyɛe na san kɔ hɔ da foforo. Sɛ bere a wode odwo akasa akyerɛ onipa no akyi no ɔka sɛ fi hɔ kɔ a, ɛsɛ sɛ woyɛ saa. Ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ obi bɛka sɛ ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ saa na ebia ama basabasayɛ asɔre anaasɛ wɔabɛkyere no bere a ɛho nhia sɛ ɛba saa. Sɛ ɛyɛ nea ɛbɛyɛ yiye a ɔdawurubɔfo no betumi asan akɔ hɔ wɔ bere foforo mu anaa obetumi akyerɛw krataa de akodi wɔn a wɔte hɔ no adanse. Sɛ wosan kɔ hɔ a, ebia nhumu bɛma woahu sɛ ɛsɛ sɛ wokɔ afie kakraa bi mu. Afei san kɔ hɔ bio kɔsra nnipa kakraa bi akyiri yi. Sɛ woyɛ wɔn a wɔte hɔ no nyinaa ho kyerɛwtohɔ a edi mũ a, ebia awiei koraa no, wubetumi adi wɔn nyinaa adanse.
4 “Bere a wɔamma wo kwan ma woankɔ ofie bi mu.” Nhumu kyerɛ di a wɔde asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 15:1 no bedi dwuma: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.” Enti sɛnea yɛadi kan aka no, mpɛn pii ɛyɛ papa sɛ obi renka sɛ ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ saa. Nanso wɔ mmeae horow bi a wɔamma yɛn kwan no, ebia nhyehyɛe a yɛbɛyɛ na yɛne adwuma no so panyin akɔkasa na yɛakyerɛkyerɛ yɛn adwuma no mu akyerɛ no no bɛboa ma yɛanya kwan akɔka asɛm no wɔ hɔ. Bio nso, ebia ebetumi ayɛ yiye sɛ yɛbɛfa ɔkwan a mmara ma ho kwan bi so akɔ ofie anaa beae bi na yɛakodi abusua biako anaa nea ɛboro saa adanse wɔ bere koro mu wɔ ɔkwan a wɔn a wɔmpɛ no renhu so. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi wɔ anifere kwan so. Wɔ bere nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ yekura obu a ɛbata yɛn adwuma no ho no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yɛbɛyɛ ne nyinaa de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.’—1 Kor. 10:31.
5 “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no.” (Marko 13:10) Bere a yɛrebɛn nhyehyɛe yi awiei no, ɛyɛ nea yɛhwɛ kwan sɛ Satan bɛkɔ so ama ayɛ den kɛse ama yɛn sɛ yɛbɛkɔ wɔn a wɔte sɛ nguanten no nkyɛn. Ɛmmra sɛ yɛde nhumu bedi dwuma bere a yɛka asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde anidaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no bedu nnipa pii nkyɛn no.