Dɛn Na Yɛyɛe Wɔ July Mu?
Yɛyɛɛ ofie Bible adesua ahorow 37,523 na ɛno fata nkamfo. Ɛwom sɛ na yenni adagyew koraa a yɛresiesie yɛn ho ama ɔmantam nhyiam ahorow no de, nanso sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, adwuma a yɛyɛe no yɛ nea eye. Afei a nhyiam horow no aba awiei yi, momma yɛnyere yɛn ho bio wɔ asɛnka adwuma no mu. So wubetumi ayɛ akwampaefo boafo anaa daa ɔkwampaefo? Monyɛ nea mubetumi nyinaa mfa mmoa Bible adesua mpempem no ma wɔmfata sɛ adawurubɔfo.