Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/85 kr. 7-8
  • Nhyehyɛe Foforo A Ɛbɛboa Asafo Mu Asomfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyehyɛe Foforo A Ɛbɛboa Asafo Mu Asomfo
  • Yɛn Ahenni Som—1985
Yɛn Ahenni Som—1985
km 12/85 kr. 7-8

Nhyehyɛe Foforo A Ɛbɛboa Asafo Mu Asomfo

1 Sɛnea wɔdaa no adi wɔ September 15, 1985, Watchtower no mu no, asafo mu asomfo yɛ nhyira ma Yehowa nkurɔfo. Bere a wɔn adwuma no nyɛ nea ɛfa honhom mu nneɛma ho ankasa no, nea wɔn ani gye ho titiriw ne sɛ “wɔbɛsom nkurɔfo wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so wɔ honhom mu so.” Akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ayɛ nhyehyɛe ahorow nnansa yi a ɛbɛboa asafo mu asomfo ma wɔasom mo wɔ “ɔkwan a mfaso wɔ so wɔ honhom mu” yi so. Emu biako ne Ahenni Som Sukuu foforo a wɔayɛ ho nhyehyɛe ama wɔn no. Foforo nso ne nhyehyɛe a wɔayɛ a ɔmansin so ahwɛfo ne asafo mu asomfo bi bɛyɛ nhyiam titiriw bi wɔ ne nsrahwɛ biara mu no. Nhyiam horow yi a emu biara tenten bɛyɛ nnɔnhwerew abien no yɛ nea wɔde besusuw asafo mu asomfo adwuma no ho na wɔabua nsemmisa, adi ɔhaw biara a wɔwɔ ho dwuma.

2 Sɛ nhwɛso no: So nhoma abesum hɔ kɛse? So munni baabi a mode nneɛma gu? Na nsɛmma nhoma a abesum hɔ nso ɛ? So anuanom te nea ɔsom nkratasin no kyerɛ ase na wɔde nea ɛfata di dwuma? So wohwehwɛ sika ho akontaabu no mu asram abiɛsa biara? Sɛ ɛka wɔ hɔ a, hena anaasɛ dɛn na ɛma ɛbaa saa na ɔkwan bɛn so na wobetumi adi ho dwuma? So asasesin no hia nsakrae ahorow? So wobetumi ayɛ mu adwuma fefeefe mpɛn pii.

3 Ɔmansin so ahwɛfo fii ase ne asafo mu asomfo a wɔhwɛ nhoma ne nsɛmma nhoma so yɛɛ nhyiam titiriw yi October a etwaam no. Ɔsom adwuma sohwɛfo ne ɔkyerɛwfo no nso kɔ bi. Ɛdefi March 1986 rekɔ no, wɔne onua a ɔhwɛ sika so no ne n’aboafo behyiam bɛyɛ nnɔnhwerew abien. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no kɔ bi.

4 Ɛdefi September, 1986, no ɔmansin sohwɛfo no ne asafo mu asomfo a wɔhwɛ asɛnka agua ne akasam afiri so no behyiam. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani ne Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo no ko bi. Ebedu asafo mu asomfo a wogye ahɔho no so ɛdefi March, 1987, rekɔ. Ɔhwɛfo guamtrani ne Ɔwɛn-Aban adesua sohwɛfo no nso bɛkɔ bi. Afei awiei koraa no, ɔmansin so ahwɛfo no ne onua a ɔhwɛ asasesin so no ne n’aboafo behyiam ɛdefi September, 1987, rekɔ. Ɔsom adwuma sohwɛfo no nso bɛkɔ bi.

6 Ɛyɛ nea yehu sɛ nhyiam horow yi begye bere ne mmɔdenbɔ. Nanso, yegye di sɛ nneɛma pa pii befi mu aba. Yehowa ahyehyɛde no mu retrɛw bere nyinaa na nnipa a wɔfata wɔ honhom mu pii ho hia. Yɛbɔ mpae sɛ asafo mu asomfo ne afoforo pii behu hia a eyi ho hia no na wɔagye asɛyɛde kɛse atom bere a wɔn ho kokwaw na wɔfaa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena