Ɛrekɔ So Dɛn?
Wɔayɛ ɔdan a wɔbɛkyere kasa agu hama so wom, Ahenni Asa, adidibea ne office dan a ɛwɔ fam no fa bi nsɛmso awie. Wɔde ‘nhwehwɛ rehyehyɛ mfɛnsere no mu na wogu so reka afasu no ho paint. Ka a yɛabɔ wɔ ɔdan no ho abedu saa bere yi a nneɛma a yɛkra fii amannɔne nka ho yɛ ¢74,628,797.32. Sɛ ɛnyɛ mo ntoboa a ɛyɛ sika ne nneɛma afoforo ne yɛn Agya a ɔwɔ soro no mpae a mobɔ daa ma yɛne adwumayɛfo no a, anka yɛrentumi nyɛ eyi. Yɛrehwɛ anigye a yebenya bere a yebebue ɔdan no ano ama ne wura, Yehowa Nyankopɔn a ɛde nneɛma a wɔatrɛw mu no edi dwuma de ‘aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm’ no kwan.—Luka 9:60.