Ɛrekɔ So Dɛn?
Ɛrekɔ so yiye! Ɛkame ayɛ sɛ wɔreyɛ awie tintimbea no ne office ahorow no ho adwumayɛ. Baabi a wɔbɛtra no ho adwumayɛ rekɔ so ara. Ɔdan no ho adwumayɛfo no bi tu kɔtraa abansoro a ɛto so abien no so wɔ December mfinimfini mu ho. Wogu so ara resiesie asase no ani. Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wowie ne yɛ. Mo mpaebɔ ne mo mmoa ho hia ara.