Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/87 kr. 4
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1987
Yɛn Ahenni Som—1987
km 2/87 kr. 4

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma February: Monkɔ so mfa nhoma adedaw a wɔakyerɛ no mma mfa nnye ne bo no fã sɛnea moyɛe January no. March ne April: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu.

● Yegye di sɛ asafo ahorow no bɛbɔ baguam nhyiam titiriw no ho dawuru kɛse wɔ wɔn asasesin mu. Ɛda no ne Kwasida, March 29 1987. Ne ti ne: ‘Abusuabɔ Bɛn na Wo ne Onyankopɔn Wɔ? Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn March 29 no ye ɔkasa titiriw no ho nhyehyɛe ma Kwasida a edi hɔ a ɛyɛ April 5. Asafo ahorow a wɔma wɔn baguam ɔkasa wɔ dapɛn no mu bɛyɛ nhyehyɛe ama ɔkasa titiriw no wɔ March 30 ne April 4 ntam hɔ.

● NKAEDI: Mubetumi de Nkaedi outline a mode dii dwuma 1986 (S-31 10/85) no adi dwuma bio wɔ 1983 mu. Nkaedi da no ne Kwasida, April 12 bere a owia akɔtɔ. Ɛnsɛ sɛ wɔyɛ asafo nhyiam foforo biara saa da no. Asafo no betumi atwa wɔn baguam nhyiam no mu na wɔasua Ɔwɛn-Aban a wobesua saa Kwasida no wɔ wɔn Asafo Nhoma Adesua no ase anaasɛ Memeneda. Wobetumi akyɛ nea wobesua wɔ Nhoma Adesua ase saa dapɛn no mu abien na wɔde fã aka adesua a edi saa dapɛn no anim de no ho na wɔde fa a aka no aka adesua a edi Nkaedi dapɛn no akyi de no ho. Ɔmansin so ahwɛfo nso bɛyɛ nsakrae a ɛte saa ara saa dapɛn no sɛnea ɛbɛyɛ a Kwasida, April 12, 1987 bɛyɛ Nkaedi no nkutoo.

● Yegye di sɛ ɔhwɛfo guamtrani no ne ɔsom adwuma sohwɛfo no ne daa akwampaefo no nyinaa yɛɛ nhyiam wɔ December anaa January mu sɛnea yɛkyerɛe wɔ yɛn November 1, 1986 krataa a yɛde kɔmaa mpanyimfo akuw horow nyinaa no mu no. Ɛse sɛ wɔn a wonnya nyɛe no yɛ saa wɔ February mu.

● Wɔ ɔmansin so ahwɛfo nsrahwɛ a efi ase March no mu no, wɔne asafo mu asomfo a wogye ahɔho no na ɛbɛyɛ adwuma. Ɔmansin so ahwɛfo ne wɔn behyiam, na ɔhwɛfo guamtrani ne Ɔwɛn-Aban adesua sohwɛfo no bɛba bi.

● Ɛdefi March 29 no Worldwide Security Under the “Prince of Peace” nhoma foforo no na yebesua wɔ Asafo Nhoma Adesua nyinaa ase.

● ƆMANSIN NHYIAM AHOROW:

February 7, 8: Ɔmansin 12A wɔ Mpraeso

February 7, 8: Ɔmansin 4 wɔ Ho

February 14, 15: Ɔmansin 12B wɔ Tease

February 14, 15: Ɔmansin 5A wɔ Dambai

February 21, 22: Ɔmansin 10 wɔ Kumasi

February 21, 22: Ɔmansin 5B wɔ Hohoe

February 28-March 1: Ɔmansin 22 wɔ Kumasi

February 28-March 1: Ɔmansin 18 wɔ Winneba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena