Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/87 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1987
Yɛn Ahenni Som—1987
km 5/87 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma May ne June: Ɔwɛn-Aban a yɛbɛma woakra afe biako de agye ntoboa ¢400.00. Asram asia a wɔkra yɛ ¢200.00. Sɛ wɔankra bi a, wubetumi de nsɛmma nhoma abien ne brochure ama de agye ¢70.00. July: Nhomawa ahorow a ekura nkratafa 32 anan a yɛde bɛbom agye ¢20.00. Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛde fi ofie Bible adesua ase nti, ɛsɛ sɛ wode nhomawa ahorow a edidi so yi biako ka ho: A Secure Future​—How You Can Find It, So Onyankopɔn Bi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho?, There Is Much More to Life!, anaasɛ nhomawa foforo biara a ɛfata asasesin no. Mommɔ mmɔden sɛ mode dedaw a ɛwɔ hɔ nyinaa bɛma. August: Wubetumi de brochure a ekura nkratafa 32 a edidi so yi biako ama de agye ntoboa ¢30.00: Nya Asetra Mu Anigye wɔ Asase so Daa! The Divine Name That Will Endure forever,.” Eyi bɛhyɛ obiara nkuran a mmofra ne adawurubɔfo afoforo ka no ma wɔde biribi ama wɔ asɛnka mu.

● Yɛde Asasesin a Wɔmmfa Nhyɛɛ Obiara Nsa Akwammisa nkratasin abien remana asafo biara. Yɛsrɛ mo, monhyehyɛ ne nyinaa pɛpɛɛpɛ na momfa biako mmana Asafo no ntɛm ara. Sɛ morepaw asram a mode bɛyɛ asasesin no mu adwuma a, yɛsrɛ mo monkae sɛ afe yi wɔbɛyɛ ɔmantam nhyiam ahorow no December ne January mu te sɛ afe a etwaam no.

● Daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo a wɔyɛɛ asasesin a wɔmmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma wɔ ɔmantifi wɔ bere tiaa mu no ayɛ adwuma pa kɛse wɔ mfe kakraa a atwam ni no mu. Mmoa ho da so ara hia kɛse wɔ hɔ. Enti yɛreto nsa afrɛ wo sɛ kɔ hɔ sɛ akwampaefo boafo anaasɛ daa ɔkwampaefo na kɔyɛ asasesin a wɔmmfa nhyɛɛ obiara nsa no bi mu adwuma. Ka ho asɛm kyerɛ w’asafo mu mpanyimfo no.

● ƆMANSIN NHYIAM HOROW:

May 2, 3: Ɔmansin 11 wɔ Obuasi

May 2, 3: Ɔmansin 3B wɔ Nungua

May 9, 10: Ɔmansin 16 wɔ Tarkwa

May 9, 10: Ɔmansin 3C wɔ Nungua

May 18, 17: Ɔmansin 17A wɔ Takoradi

May 16, 17: Ɔmansin 19 wɔ Nungua

May 23, 24: Ɔmansin 17B wɔ Aiyinasi

May 23, 24: Ɔmansin 1 wɔ Nungua

May 30, 31: Ɔmansin 24 wɔ Takoradi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena