Dɛn Na Yɛyɛe Wɔ February Mu?
Daa akwampaefo dodow a ɛsen biara foforo 2,767 buu akontaa. Adawurubɔfo a wɔwɔ Ghana no mu nea ɛboro 5% nyaa akwampaefo boafo adwuma mu kyɛfa. Ɛkaa kakraa bi na nsɛmma nhoma dodow a yɛde mae wɔ February mu no boroo January de no so 10,000. Sɛ wɔkyekyem a ɔdawurubɔfo biara yɛɛ Bible adesua 1. So wurenya eyinom mu kyɛfa?