Ɛrekɔ So Dɛn?
Yɛn computer ho adwumayɛfo no reyɛ MEPS a yɛde bɛyɛ yɛn nhoma tintim adwuma no ho adwuma denneennen. Ebedu bere a wobɛkenkan eyi no, yɛwɔ anidaso sɛ na yɛayi yɛn nhoma tintimbea ne nhoma amanae no aba Nungua. Yɛda so ara wɔ pii a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ asase no ani ne adan mu asiesie no ho. Nanso adwuma no reba n’awiei nkakrankakra wɔ ɔkwan a ɛyɛ fɛ so ma ɛde ayeyi abrɛ Yehowa. Yɛsrɛ sɛ mobɛkɔ so ayi ntoboa de aboa yɛn ma yɛatua bosea a yɛbɔe no.