Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma June: Afe biako Ɔwɛn-Aban kra de agye ¢600. Asram asia ne nea ɛba ɔsram biara a wɔkra yɛ ¢300. July ne August: Nhoma ketewa biara a wotintimii ansa na 1980 reba anaasɛ wɔ saa afe no mu de agye bo a ɛwɔ Cost List so no fã. Yɛhyɛ nyansa sɛ fa abien ma fa gye ¢150. Akwampaefo betumi agye bi ¢50 wɔ ɔsatu no mu. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no kae sɛ wobebisa nea adawurubɔfo gyei a ɛsɛ sɛ wɔtew fi wɔn ka so no ma asono nea akwampaefo gyei. Ɛsɛ sɛ wobisa nea ɛsɛ sɛ wɔtew fi wɔn ka so no nyinaa wɔ August ne September mfinimfini hɔ baabi. September: Nhomawa a ɛwɔ nkratafa 32 a ne kɛse te sɛ nsɛmma nhoma a edidi so yi mu biara de agye ¢50: Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, The Divine Name That Will Endure Forever, anaasɛ Nniso a Ɛde Paradise Bɛba.
● Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔbɛyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛbom sɛ kuw abɛsrasra Betel no bɔ mmɔden sɛ wobedi kan akyerɛw abɛbɔ yɛn nkae anyɛ yiye koraa no adapɛn abien. Monka nnipa dodow a wɔreba no ne bere a wobedu Betel no nkyerɛ yɛn. Ɛho nhia sɛ ankorankoro di kan bɔ yɛn amanneɛ. Monkae sɛ Memeneda biara yɛpɔn adwuma awiabere 12:00. Enti, ɛsɛ sɛ kuw biara a wɔreba nsrahwɛ no du ha ansa na abɔ anɔpa 10:00, anyɛ saa de a mommra dapɛn no mu.
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu June 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi sɛnea ebetumi ayɛ yiye.
● Nhoma a wɔde bedi dwuma titiriw wɔ Ahenni Som Sukuu ma mpanyimfo ne asafo mu asomfo a wɔayɛ ho nhyehyɛe July ne August mu no biako ne Watch Tower Publications Index 1930-1985 no. Yɛhyɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo nyinaa nkuran sɛ wɔmpɛ bi mfa nsiesie wɔn ho mma sukuu no.
● Ɔmansin Nhyiam Horow
June 11, 12: Ɔmansin 16 wɔ Tarkwa
June 11, 12: Ɔmansin 25 wɔ Nungua
June 18, 19: Ɔmansin 2-A wɔ Nungua
June 25, 26: Ɔmansin 17-A wɔ Takoradi
● Asafo ahorow ne ankorankoro nhyɛ no nsow sɛ ɛwom sɛ wɔayi Asafo ti no dwumadi akɔ Nungua de, nanso wɔnyɛɛ nsakrae biara wɔ ne post office nɔma no mu. Address a ɛteɛ no ne Box 760, Accra. Monnkyerɛw “Nungua” ngu krataa biara a mode rebrɛ Asafo ti no akyi da. Sɛ moyɛ saa a, ebia yɛn nsa renka krataa no.