Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/88 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1988
Yɛn Ahenni Som—1988
km 9/88 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma September: Nhomawa a ɛwɔ nkratafa 32 a ne kɛse te sɛ nsɛmma nhoma a edidi so yi mu biara de agye ¢50: Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, The Divine Name That Will Endure Forever, anaasɛ Nniso a Ɛde Paradise Bɛba. Sɛ́ nea wɔpɛ a wobetumi de ama no, asafo ahorow a wɔwɔ nhoma dedaw a ekura nkratafa 384 no biara te sɛ Daa Nkwa​—Wɔ Onyankopɔn Mma Ahofadi Mu, “Nneɛma a Onyankopɔn Ntumi Nni mu Atoro,” “The Nations Shall Know That I Am Jehovah”​—How?, “Babylon the Great Has Fallen!” God’s Kingdom Rules!, ne “Then Is Finished the Mystery of God” no betumi de ama de agye bo a wɔatew so a ɛyɛ ¢100. Akwampaefo betumi agye bi ¢50. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no de Remittance and Credit Request (S-20) nkratasin abien mana a wɔahyehyɛ nea akwampaefo gyei ne nea adawurubɔfo gyei wɔ ɔsatu a ɛwɔ atifi hɔ no mu no biara nko wɔ so. Ɛsɛ sɛ wɔde nea wobebisa sɛ wɔntew mfi wɔn ka so no ba September awiei. Bo a wɔatew so no fa nhoma dedaw ahorow a wotintim no krataa a ɛnyɛ papa biara so no nkutoo ho na ɛnyɛ nea wɔasan atintim wɔ krataa a eye so no. October: Life​—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? de agye ¢380. November: Afe biako Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban anaa n’abien no nyinaa kra.

● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu September 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi.

● Wɔreyɛ nsakrae wɔ sɛnea wɔyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam wɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ mu no mu. Ɛdefi September 1988 no, wɔ dwom ne mpaebɔ a wɔde bue ano akyi no, ɛsɛ sɛ wɔde dɔnhwerew fã yɛ sukuu no a wɔbɛyɛ simma 10 ɔkyerɛkyerɛ kasa a nsemmisa nka ho, Bible akenkan mu nsɛntitiriw ntimu no, Bible akenkan ne osuani kasa biako foforo. Nea ebedi ɛno akyi ne dɔnhwerew fã Ɔsom Nhyiam a wobetumi ayɛ nsakrae wom ma ayɛ afã ahorow abiɛsa a ebiara yɛ simma 10 anaasɛ afã abien a ebiara yɛ simma 15, na wɔayi nkaebɔ ahorow a wɔde bue ano no afi mu. Wɔ dwom biako akyi no, ɔmansin sohwɛfo no de dɔnhwerew fã bɛkasa na dwom ne mpaebɔ a wɔde wie adi akyi. Dwumadi no nyinaa bɛyɛ dɔnhwerew biako ne fã, nnwom ne mpaebɔ no nka ho. Saa nhyehyɛe yi bɛma ɔmansin sohwɛfo no anya hokwan de ahu sɛnea wɔyɛ nhyiam horow yi wɔ asafo no mu.

● Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase kra 1989 Yehowa Adansefo kalenda no ka wɔn October nhoma ahorow a wɔbɛkra no ho. Kalenda yɛ controlled stock nneɛma. Monnkra ngu hɔ na mmom monkra nea mubegye nkutoo. Wode kalenda ho ka no bɛka mo nhoma ka ho a biako biara yɛ ¢150 a ɛyɛ adawurubɔfo, akwampaefo ne amanfo nyinaa bo. Mommmfa sika nnka nea mobɛkra no ho. Sɛ mo nsa ka kalenda no a, monka ɛho sika no ne nhoma sika mmom wɔ S-20 kratasin no so. Sɛ mosan kra bi a, yɛsrɛ mo monhwɛ sɛ mobɛkyerɛw so “ADDITIONAL ORDER” na ammfa basaayɛ amma.

● Yɛrekae ɔsom boayikuw no bio sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔahyehyɛ Literature lnventory kratasin no ne Congregation Analysis Report (S-20) no awie koraa na ɛyɛ pɛpɛɛpɛ na wɔasan de nea edi kan no abrɛ Asafo ti no ntɛm ara ansa na September 6 adu.

● Nnubɔne ho Nsɛm a Ekura Atirimpɔw Titiriw: December 8 Awake! no bɛka nnubɔne mu asiane a enya nkɔso no ho nsɛm. Ɛbɛkyerɛ sɛnea asɛnnennen no bae ne nea yebetumi ayɛ de abɔ yɛn ho ban. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wɔn a wɔyɛ nnipa ho adwuma ne wɔn a wɔhwɛ ma wodi mmara so ani gye eyi ho, na ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ mmofra de bi bɛma mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena