Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma December: New World Translation ne “Let Your Kingdom Come” nhoma no. January: Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. February ne March: Nhoma ketewa biara a akyɛ a wotintim no bɛyɛ 1980 mu de agye ne bo no fã.
● Wɔayɛ Cost List foforo a ebefi ase ayɛ adwuma December 1, 1988. Wɔde nkrasɛm a wɔahyehyɛ ne nyinaa wɔ so no anan remana asafo ahorow nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔde biako bɔ nkaebɔ pon so. Ɛsɛ sɛ wɔde biako ma anuanom a wɔhwɛ nhoma ne nsɛmma nhoma so no mu biara na wɔde nea ɛto so anan no ma sika sohwɛfo no.
● Bere a ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ “Medical Alert” ne “Identity Card” foforo no so January 1, 1989. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ asu nyinaa hwɛ sɛ wɔahyehyɛ “Medical Alert” ne “Identity Card” no foforo ama wɔn ho ne “Identity Card” no foforo ama mmofra nkumaa biara a wɔwɔ.
● Asafo ahorow no betumi akra 1988 Watchtower ne Awake bound volume sesei. Yɛsrɛ mo monhyɛ no nsow sɛ bound volume yɛ Controlled Stock nneɛma. Wɔnkra nea wobebisa nkutoo.
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi foforo a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu December 1, 1988 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi sɛnea ebetumi ayɛ yiye ara.
● Sɛ asafo ahorow no nni nhoma nketewa a wɔde bɛyɛ ɔsatu titiriw February ne March mu no bi a wobetumi akra bi afi asafo ti no hɔ.
● Awake! biara a ɛbɛba 1989 mu no bɛka asɛm bi a ɛbɛba nnidiso nnidiso a wato din ‘Nyamesom Daakye Esiane Nea Ayɛ Dedaw Nti.” Saa nsɛm yi bɛhwehwɛ nyamesom daakye mu denam nkɔmpɔ a ebebu ahwɛ n’abakɔsɛm mu na ɛde nea ɛde biribi ba ne nea efi mu ba nnyinasosɛm no adi dwuma so. Yɛhyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ akwan a wɔbɛfa so de ama a wɔasiesie no yiye na wɔmfa saa asɛm yi nni dwuma bere biara a ɛfata. Saa kwan yi so no, ebetumi aboa nnipa a nyamesom asehwe ho asɛm haw wɔn no ma wɔasua Ahenni anidaso no ho ade.
● Yɛwɔ 1981 besi 1987 mfe no mu Watchtower ne Awake! bound volume ahorow kakra wɔ hɔ wɔ Engiresi ne French mu. Yɛhyɛ asafo ahorow nkuran sɛ wɔnkra bi ngu wɔn Ahenni Asa so nhomakorabea hɔ. Adawurubɔfo ne akwampaefo nso betumi akra bi afa wɔn asafo no so agu wɔn ankasa nhomakorabea.
● Check a enye ho asɛnnennen no da so wɔ hɔ. Yɛsrɛ mpanyimfo akuw horow no sɛ wɔnhwɛ yɛn krataa AB:DB a yɛkyerɛwee August 10, 1988 a ɛfa asɛm no ho no yiye na wɔnhwɛ nhu sɛ check biara a mode bɛba ha no yɛ papa na sɛ yɛde kɔ a wobetua.
● Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ ɔsram a etwaam no mu no, sɛ w’ani begye drama ahorow a wɔbɛyɛ wɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam no ase no ho yiye a, ehia sɛ wudi kan kenkan Bible mu afã a edidi so yi: Hesekiel 9:1-11, Numeri 35:1-34. Genesis 6:1-7:24 ne 18:20-19:26. Yɛhyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkenkan hɔ ansa na wakɔ nhyiam no.
● Monhwɛ sɛ mobɛkyerɛw afe asɛm foforo no abɔ mo Ahenni Asa so ntɛm ara January 1, 1989. 1989 afe asɛm no ne: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam.”—Adi. 14:7.
● Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛbɔ mo amanneɛ sɛ adawurubɔfo reboa Asafo ti Ahenni Asa Foto ntoboa no fɛfɛ. Yɛsrɛ mo munnye eyi ho anisɔ a yɛkyerɛ no. Yɛwɔ anidaso sɛ mobɛkɔ so aboa ayamye mu ama foto no adɔre ntɛmntɛm na ama yɛatumi abɔ asafo ahorow no bosea ma wɔasisi Ahenni Asa ahorow.