Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma January: Tra Ase Daa anaasɛ Bible Mu Nsɛm nhoma no sɛnea ɛfata. February ne March: Wobetumi de nhoma a ekura nkratafa 192 biara a wotintimii ansa na 1980 reba adi dwuma wɔ ɔsatu titiriw a wɔde begye ne bo no fã mu. (Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtew afi mo ka so no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ akwankyerɛ a ɛwɔ February 1989 Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow ase no mu.) April: Momfa Revelation Climax nhoma no mma. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu. Faako a wɔankra bi no, wobetumi de nsɛmma nhoma abien ne nhomawa biara biako ama de agye sɛnea wɔde gye daa no.
● Wɔbɛhyɛ 1990 Nkaedi fa no Benada. April 10, bere a owia akɔtɔ. Wɔredi kan de amanneɛbɔ yi ama sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom betumi ahwehwɛ asa ahorow wɔ faako a asafo ahorow pii de Ahenni Asa biako di dwuma na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ mmeae afoforo no. Afei nso, sɛ “nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so” no kodu afe a ɛreba no April mu a. amanneɛbɔ a wɔredi kan de ama yi bɛboa asafo ahorow no ma wɔayɛ nhyehyɛe pa ama akuw nketewa no anya akasafo a wɔfata ma wɔadi Nkaedi afahyɛ no ho dwuma.
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu ntɛm ara, sɛ wɔanyɛ eyi December mu a.
● Ɛsɛ sɛ asafo ahorow fi ase kra 1989 Watchtower ne Awake! bound volume ahorow no afei. Wobenya bound volume no Engiresi ne Franse mu nkutoo. Eyinom yɛ controlled stock nneɛma na ne bo yɛ den. Enti, monkra nea wɔakyerɛ sɛ wɔpɛ nkutoo.
● Wɔapaw Kwasida, March 25, 1990, sɛ ɛda a wɔbɛma Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no. Ɔkasa no ti ne sɛ “Hwehwɛ Nkwa Ankasa No!” Wɔde krataa a wɔbɛhwɛ so ama ɔkasa no abien bɛmana asafo ahorow nyinaa. Eyi bɛyɛ ɔkasa Nɔma 90. Sɛ ebedu saa bere no na “nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so” no da so wɔ hɔ a, mubetumi ayɛ krataa no photocopy ama akasafo a wɔbɛma ɔkasa no wɔ akuw horow no mu no.
● 1990 afe asɛm no ne: “Yɛde nam ka sɛ: [Yehowa] ne me boafo.”—Hebrifo 13:6. Sɛ nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so no da so wɔ hɔ mpo a, mubetumi akyerɛw afe asɛm no de abɔ mo Ahenni Asa so, esiane sɛ wɔama yɛn kwan sɛ yetumi kɔ Asa no so kosiesie so sɛnea ɛho hia nti.
● Wɔbɛyɛ nsakrae ahorow bi wɔ Tra Ase Daa nhoma no foforo biara a wobetintim no daakye no mu. Nsakrae titiriw no fa Sodomfo a ɛwɔ nkratafa 178 ne 179 no ho. Saa nsakrae yi bae wɔ Revelation Climax nhoma no mu kratafa 273, ne June 1, 1988 Watchtower, nkratafa 30 ne 31. Ebia wobɛpɛ sɛ wohyɛ no nsow wɔ dedaw no bi a wowɔ no mu.
● Ɔsom Boayikuw ahorow nhyɛ no nsow: Yɛn nsa nya nkaa asafo ahorow pii Analysis Report (S-10) kratasin no. Sɛ momfaa mo de mmanaa yɛn a yɛsrɛ momfa mmrɛ yɛn NTƐM ARA.
● Nhoma Foforo a Ebi Wɔ Hɔ: Questions Young People Ask—Answers That Work—Engiresi