Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/90 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1990
Yɛn Ahenni Som—1990
km 2/90 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma February ne March: Wobetumi de nhoma a ekura nkratafa 192 biara a wotintimii ansa na 1980 reba no ama de agye ne bo a ɛwɔ Cost List so no fa. (Yɛsrɛ mo monhwɛ February 1989 Yɛn Ahenni Som mu mpɛ akwankyerɛ a mode bebisa ama wɔatew afi mo ka so.) April: Momfa Revelation Climax nhoma no mma. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu. Faako a wɔankra bi no, wubetumi de nsɛmma nhoma abien ne nhomawa biara, gye Sukuu nhomawa no ama de agye bo a wɔde gye daa no.

● Yɛbɛhyɛ Nkaedi fa no Benada. April 10.1990. Ɛwom sɛ sɛ ɛho hia a, mubetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso yɛsrɛ mo monkae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde Nkaedi abodoo ne bobesa no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Wɔrenyɛ nhyiam afoforo biara saa da. Sɛ mo asafo no hyiam dedaw Benada a, mubetumi asesa de akɔhyɛ bere foforo dapɛn no mu.

● Yɛreyɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛma mo nsa aka Nkaedi bobesa no bi wɔ faako a mukotua mo sika no. Monkae sɛ ebedu Nkaedi bere no mu na sɛ nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so no da so wɔ hɔ a, ɛkyerɛ sɛ yɛbɛhyɛ fa no wɔ akuw nketewaa mu. Eyi bɛhwehwɛ sɛ munya Nkaedi bobesa no pii sen sɛnea moyɛ daa no. Momma eyi ntra mo adwene mu.

● Sɛ ebedu Nkaedi bere mu no na sɛ nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so no da so wɔ hɔ mpo a, yɛkamfo kyerɛ sɛ sɛnea ebetumi ayɛ yiye biara no, asafo ahorow no nkeka akuw no bi mmom sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya akasafo a wɔfata a wɔdɔɔso ama akuw no nyinaa. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo de wɔn adwene kɔ eyi so mprempren.

● Wɔbɛma 1990 Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no wiase nyinaa Kwasida. March 25, 1990. Ɔkasa no ti ne sɛ “Hwehwɛ Nkwa Ankasa No!” Wɔde krataa a wɔbɛhwɛ so ama ɔkasa no remana mo. Asafo ahorow a ebia wɔwɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ, ɔmansin nhyiam, anaasɛ nhyiam da titiriw saa dapɛn awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na March 25 adu.

● Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo hwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu binom sɛ wobedu nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no ho a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe ma wɔboa wɔn. Sɛ mopɛ nyansahyɛ ahorow a, yɛsrɛ mo monhwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 12-20 mu.

● Yɛrebɔ mpanyimfo akuw horow nyinaa amanneɛ sɛ yɛregye daa akwampae adwuma akwammisa. Ebia esiane mprempren nsɛm tebea no nti, ɛbɛyɛ den ama ebinom sɛ wobedu nnɔnhwerew 90 a wɔhwehwɛ no ho de, nanso yɛrehyɛ wɔn a wobebisa ho kwan no nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛbɛn nnɔnhwerew 90 no ho ɔsram biara bere a wɔapaw wɔn no. Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw ahorow hwɛ hu sɛ wɔn a wobisa ho kwan no wɔ nea wobetumi agyina so abɛn nnɔnhwerew ahwehwɛde no ho sɛnea wobetumi biara ansa na wɔakamfo wɔn akyerɛ sɛ wɔmpaw wɔn.

● Yɛrekae ɔhwɛfo guamtrani no sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe mma ɔpanyin biako anaa mpanyimfo baanu ne daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw no nyinaa nhyia sɛnea wɔakyerɛ wɔ yɛn krataa a yɛkyerɛw no November 1, 1989 mu no mu no, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a. Wobetumi de nyansahyɛ ahorow a ɛfata ama wɔ sɛnea wobedu nnɔnhwerew ahwehwɛde no ho anaasɛ wɔbɛbɛn ho sɛnea wobetumi no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena