Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A ƐTO ABIEN
Dwom 30
12 min: Asafo mu nkaebɔ ne Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw afi krataa yi mu. Kenkan Asemmisa Afã no na ka hia a ntade, ahosiesie, ne ahokeka a ɛfata ho hia bere a yegyina Yehowa ahyehyɛde no ananmu no ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkanyan wɔn Bible adesuafo a wɔwɔ wɔn mu ahotoso no anigye mma wɔnkenkan nsɛmma nhoma no daa.
18 min: “Yɛ Nnam wɔ Ahenni Nkrasɛm no Ntrɛwmu Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Sɛ mususuw nkyekyem 6 ho wie a, monyɛ sɛnea wɔde nhomawa ahorow no ma sɛnea wɔahyɛ ho nyansa wɔ nkyekyem no mu no ho ɔyɛkyerɛ. Momfa Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no nni dwuma. Si hia a ɛho hia sɛ yɛyɛ nnam wɔ asɛnka mu no so dua.
15 min: “Sukuu no a Yɛde Bedi Dwuma de Anya Asɛnka mu Nkɔanim.” Sukuu sohwɛfo ne atiefo bɔ Theocratic Ministry School mu Adesua 19 mu nkɔmmɔ. Si akwan a sukuu no nam so boa yɛn ma yenya nkɔso wɔ asɛnka mu no so dua. Hyɛ wɔn a wɔakyerɛw wɔn din wɔ sukuu no mu no nkuran sɛ wɔmma sɛnea wɔyɛ dwumadi no ne ɔkasa ahorow no nyɛ nea wobetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin no mu.
Dwom 31 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
Dwom 211
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Kenkan ntoboa horow a wɔde reboa Asafo ti no wiase nyinaa adwuma ne Asafo ti Ahenni Asa Foto no a Asafo ti no akyerɛ sɛ nsa aka no. Kamfo anuanom no wɔ ntoboa a ɛte sɛɛ ne mmoa a wɔde ma mo asafo no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya dapɛn awiei asɛnka adwuma mu kyɛfa.
18 min: “Sɛnea Wɔbɛboa Adwenemhawfo na Wɔasan Anya Anigye.” Ɔkasa a egyina w3/15/90, nkr. 26-30 so.
11 min: “Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wunya Ɔpɛ sɛ Wobɛyɛ Bible Adesua.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Bisabisa ɔdawurubɔfo anaa ɔkwampaefo bi a watumi aboa obi ama wahyira ne ho so agye asubɔ no nsɛm. Bisa no abusuabɔ a ɛbɛdaa ɔne ɔdesuafo no ntam ne mfaso horow a onya fii adesua a ɔyɛe no mu.
Dwom 133 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ANAN
Dwom 29
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Si nsɛntitiriw a ɛwɔ “Monyɛ Kronkron Abrabɔ Nyinaa Mu” no so dua. Afei nso, hyɛ dapɛn awiei asɛnka dwumadi mu kyɛfa a wobenya ho nkuran.
20 min: “So Wo Mma Asiesie Wɔn Ho sɛ Wɔbɛsan Akɔ Sukuu?” Asemmisa-ne-mmuae a wɔne atiefo de susuw asɛm no ho. Ma wɔnkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm no. Sɛ osuahu ahorow bi wɔ mo hɔ a ɛyɛ nsɛmpɔw a wɔaka ho asɛm no ho nhwɛso a, wobetumi de eyinom ama sɛnea bere ma kwan.
15 min: Asafo mu ahiade anaa ɔkasa a egyina “‘Munnyina Pintinn’—Munnhim” a ɛwɔ April 15, 1990, Watchtower, nkratafa 26-8 no so.
Dwom 191 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ANUM
Dwom 92
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Mommɔ June asɛnka akontaabu a ɛwɔ krataa yi mu no ne mo asafo no akontaabu ma ɔsram no mu nneɛma biara a eye ho nkɔmmɔ. Kyerɛ sɛnea ɛho hia sɛ wɔde asɛnka ho akontaa ma ntɛm ara no.
23 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Hokwan Ahorow a Wɔbɛhwehwɛ de Adi Bɔnnɔ so Adanse no So.” Asemmisa-ne-mmuae dwumadi. Sɛ mususuw nkyekyem 3 ho wie a, bisa atiefo ma wɔmma mmere afoforo a wobetumi akasa adi adanse bɔnnɔ so no ho nyansahyɛ. Kyerɛ sɛnea sukuu afe foforo no ma mmofra nya hokwan sɛ wɔbɛka nokware no ho asɛm no. Nkyekyem 6 akyi no, bisabisa adawurubɔfo biako anaa baanu a wɔatumi adi bɔnnɔ so adanse no nsɛm tiawa. Bisa sɛ: ‘Mmere horow bɛn mu na wɔka asɛm? Dɛn nti na wohu sɛ ɔkwan a wɔfa so ka asɛm yi tu mpɔn? Ɔkwan bɛn so na w’ankasa woanya so mfaso?’ Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa nyɛ ne botae sɛ ɔbɛka asɛmpa no da biara. Si hia a ɛho hia sɛ yɛte nka kɛse ma nkurɔfo no so dua fa wie.
15 min: Fa Creation nhoma no di dwuma October mu. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ. Munsusuw nkɔmmɔbɔ nsɛmti a ɛwɔ nhoma no mu a wobetumi de adi dwuma bere a wɔde Creation nhoma no ma October mu no ho. Ebia ofiewura no ani begye nsɛm a ɛwɔ atiri 16 ne 17 mu a ɛfa “Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɛma Nsɛmmɔnedi ho Kwan?” ne “So Wubetumi de Wo ho Ato Bible So?” ho no ho. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata nyɛ sɛnea wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ, na ɔmfa kyerɛw nsɛm te sɛ Hebrifo 3:4 ne Adiyisɛm 4:11 no nni dwuma mfa mmɔ adannandi kyerɛkyerɛ no ngu na ɔmma wonnya Onyankopɔn mu gyidi sɛ onipa Yɛfo. Wobetumi de asɛm a ɛwɔ “Creation” ase wɔ Reasoning nhoma no mu no adi dwuma sɛnea bere ma kwan. Sɛ munni Creation nhoma no bi a, mubetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So adi dwuma. Bɔ asafo no asɛnka nhyehyɛe ho amanneɛ, na to nsa frɛ wɔn nyinaa sɛ wonnya mu kyɛfa.
Dwom 129 ne mpaebɔ a wɔde wie.