Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma February ne March: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1980 reba a asafo no wɔ de agye bo a ɛwɔ Cost List no so fã. Sɛ asafo no nni saa nhoma no bi a wɔde bɛma a, ɛsɛ sɛ wɔde “Let Your Kingdom Come” nhoma no di dwuma. Sɛ mode “Kingdom Come” nhoma no bedi dwuma a, ɛnde ɛsɛ sɛ asafo no ne ɔmanfo gye no Cost List no so bo a ɛyɛ ¢350 no na akwampaefo gye no ¢175. Ɛsɛ sɛ wogye no saa efisɛ wotintimii wɔ 1981 mu, ma enti ɛnka nea yɛde bɛma agye ne bo fa wɔ ɔsatu titiriw no mu no ho. Mubetumi akra “Kingdom Come” nhoma no bi. Yɛsrɛ sɛ monhwɛ Bulletin Vol. 34 No. 1 mu “Nkaebɔ” afa hɔ, na moahu sɛnea mubebisa ma wɔatew afi mo ka so. April: Revelation Climax nhoma. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra
● Efi March no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “Onyankopɔn Nyansa wɔ Nyansahu Wiase Mu.”
● Wɔde nkaebɔ a edidi so yi ma wɔ akwampae adwuma no ho:
Sɛ daa ɔkwampaefo bi gyae akwampae adwuma no a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ asafo no amanneɛ. Wobetumi de amanneɛbɔ tiawa ama sɛ: “Yɛrema asafo no aso ate sɛ [ɔkwampaefo no din] nyɛ daa ɔkwampaefo bio.”
Nnɔnhwerew a ɛsɛ sɛ daa akwampaefo nya afe biara no da so ara yɛ 1,000.
Sɛ wɔka obi anim anaasɛ wɔsan gye no ba asafo no mu a, ɛsɛ sɛ afe biako twam ansa na wɔasusuw ho sɛ wɔbɛma wɔayɛ akwampaefo aboafo anaasɛ daa akwampae adwuma.—Hwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu nkyekyem 21 ne 23.
● Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no anaasɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no san hwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu bi sɛ obenya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe ma wɔboa no. Sɛ mopɛ nyansahyɛ ahorow a, monhwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 12-20.
● Wɔrekae ahwɛfo aguamtrafo sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe mma ɔpanyin biako anaasɛ baanu ne daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw nyinaa nyɛ nhyiam sɛnea wɔakyerɛ wɔ yɛn krataa a wɔkyerɛw no November 1, 1990 no mu no, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a. Wobetumi de sɛnea wobenya wɔn nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no ho nyansahyɛ a ɛfata ama.