Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/91 kr. 4
  • W’ani Hwɛ He?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • W’ani Hwɛ He?
  • Yɛn Ahenni Som—1991
Yɛn Ahenni Som—1991
km 3/91 kr. 4

W’ani Hwɛ He?

1 Onyankopɔn nkoa taa hyia ɔhaw ne sɔhwɛ tebea horow. Wɔ mmere a ɛte sɛɛ mu no, obi hia Ɔsorosoroni no mmoa. So wobɔ Yehowa Nyankopɔn mpae a emu yɛ den de bisa mmoa na wode wo ho to no so sɛ ɔnwowaw wo na ɔmma wo akwankyerɛ?

2 Eyi ne nkuranhyɛ a yebetumi anya afi Dwom 123 mu. Nkyekyem a edi kan no ka sɛ: “Wo na mema m’ani so mehwɛ wo, wo a wote soro no.” Esiane sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no te ɔsorosoro nti, na ɛfata sɛ odwontofo no ka sɛ ɔma n’ani so hwɛ soro bere a ɔsrɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no mmoa no no.

3 Afei, kenkan nkyekyem abien kosi anan. Nkoa ne mfenaa hwɛ wɔn wuranom nsa ano yiye na wɔahu nea wɔpɛ. Nkoa wuranom nsa ma nkoa nya asetra mu ahiade ne ahobammɔ. Saa ara nso na Onyankopɔn nkoa de wɔn ho to no so a wɔpɛ sɛ wohu n’apɛde wɔ nneɛma ho, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobenya n’ahobammɔ, ne dom ne ne nhyira.

4 Na wɔredi odwontofo no ne ne mfɛfo Israelfo ho fɛw. Na animtiaa a wobu wɔn no dɔɔso pii. Na “ahantanfo” a wodi wɔn ho fɛw no ‘ho adwo wɔn,’ kyerɛ sɛ ɛte sɛ nea wɔwɔ ahobammɔ. Nanso na ɛyɛ atoro ahobammɔ. Bɔ a Yehowa hyɛɛ ne nkoa no baa mu wɔ bere a emu yɛ den mpo mu.​—Yos. 21:45; Dw. 37:25.

5 Saa ara nso na Yehowa nkurɔfo hyia atamfo ɔsɔretia a emu yɛ den ne fɛwdi nnɛ. Sɛ yebetumi agyina nhyɛso a ɛte sɛɛ ano a, ehia sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to Yehowa so de hwehwɛ ne dom ne ne nhyira. Ɔrenni yɛn huammɔ. Ɔde nea yebisa no bɛma yɛn. (1 Yoh. 3:21, 22) Yiw, yɛwɔ ahotoso a ɛte saa. Enti, fa wo ho to Yehowa so fa hwehwɛ akwankyerɛ. Hwɛ 1984 Yearbook kr. 22 nky. 1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena