Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/91 kr. 3
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1991
Yɛn Ahenni Som—1991
km 10/91 kr. 3

Asemmisa Afã

● Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni sua akenkan ne akyerɛw?

Ɛnnɛ wiase a Satan Ɔbonsam di so no aduru sum wɔ honhom mu na aporɔw wɔ abrabɔ fam. Ɛbɛyɛ dɛn na Kristoni atumi akura Yehowa trenee gyinapɛn ahorow mu pintinn? Obetumi ayɛ saa denam ‘nnebɔneyɛfo afotu a ɔbɛkwati na wadwen Yehowa mmara ho na wakenkan no awia ne anadwo’ no so. (Dw. 1:1, 2) Na wɔhwehwɛ sɛ mfehaha pii a atwam no mu nokware asomfo hu akenkan ne akyerɛw. (Deut. 6:6, 9; 17:18, 19. Hab. 2:2; Mat. 24:15; fa toto Asomafo no Nnwuma 17:11 ho.) Ɛnnɛ, Kristofo a wonim akenkan ne akyerɛw no nam daa kokoam adesua ne asɛnka adwuma a etu mpɔn so tumi hyɛ wɔn ankasa ho ne afoforo den. Enti wɔba behu Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow yiye na ɛboa wɔn ma wokura wɔn mudi mu wɔ ɔtaa mpo mu.​—Dw. 1:3.

Nokware Kristofo nam hokwan ahorow a wɔde ma wɔ Onyankopɔn nkurɔfo asafo mu a wɔde di dwuma no so tumi ma ‘wɔn nkɔso da adi’ pii. (1 Tim 4;15) Hokwan ahorow yi mu bi ne Teokrase Ɔsom Sukuu no ne akwampae adwuma a wɔde wɔn ho bɛhyɛ mu no. Anuanom mmarima betumi afata nso ma wɔapaw wɔn sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo. Obi a onnim akenkan ne akyerɛw rentumi nnya ɔsom mu hokwan ahorow yi bi. Sɛ adawurubɔfo a wonnim akenkan ne akyerɛw reyɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua na wɔrebu wɔn asɛnka adwuma ho akontaa a, wɔkɔ so de wɔn ho to anuanom a wonim akenkan ne akyerɛw so ma wɔaboa wɔn. Sɛ adawurubɔfo a wonnim akenkan ne akyerɛw bɛboro 5,000 no nim akenkan ne akyerɛw a, anka susuw sɛnea ɛbɛboa adwuma no wɔ ɔman yi mu ma anya nkɔanim no ho! Mmeae pii no, anuanom de tebea a abrɛ ase no di dwuma de ma akenkan ne akyerɛw sukuu no nya nkɔso. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo san fi akenkan ne akyerɛw sukuu no ase wɔ baabi a wɔagyae no. Ɛsɛ sɛ anuanom a wonnim akenkan ne akyerɛw nyinaa nya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobehu akenkan ne akyerɛw na ama wɔapere adu onyin ho!​—Heb. 6:1, 2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena