Onyankopɔn Som A Yɛbɛma Ayɛ Yɛn Anigyede Titiriw
1 Dwumadi pii wɔ hɔ a ɛma wɔn a wɔde wɔn ho hyem no nya anigye bi, ne titiriw sɛ nnipa yiyedi nti na wɔyɛ saa a. Nanso, ɛnyɛ nea wobetumi de eyi mu biara anaasɛ ne nyinaa a wɔaka abom atoto Onyankopɔn som ho, sɛ ɛba nhyira ne anigye a ɛtra hɔ daa a ɛma obi nya no so a. Yiw, sɛnea wɔnam odiyifo Yesaia so kae no, “me nkoa de koma pa bɛbo ahurusi dwom.”—Yes. 65:14.
2 Kristofo Anigye ne yɛn Som Adwuma No: Anigye a Kristoni wɔ ne akomatɔyam a ɔwɔ sɛ onim sɛ ɔreyɛ nea ɛteɛ, nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Nea ɛde ba ne nim a yenim sɛ yɛreyɛ adwuma pa a afoforo nya mu mfaso, ɛma Onyankopɔn atirimpɔw nya nkɔanim na woyi ne din kɛse kronkron no ayɛ. Nneɛma a ɛte sɛɛ a yehu no ma yenya akomatɔyam a ɛyɛ anigye ne komam asomdwoe a ɛtra hɔ daa.—Fil. 4:4.
3 Sɛ yɛbɛma Onyankopɔn som ayɛ yɛn anigyede titiriw a, ɛsɛ sɛ yedwen nneɛma a ɛma yenya anigye no ho. Sɛ yedwen osuahu a ɛmfata ho a, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ yebenya anigye. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde adwempa hwɛ yɛn som adwuma no, nea etumi yɛ ma Onyankopɔn atirimpɔw nya mmamu, nkurɔfo mu a ɛpaapae ma nkwa, ne ne din ne n’Ahenni ho adanse a edi ne yɛn mudi mu kura a ɛda no adi no.
4 Yɛn Anigyede titiriw no a Yɛbɛda no Adi: Ɔkwan bɛn so na yɛkyerɛ sɛ yɛrema Onyankopɔn som ayɛ yɛn anigyede titiriw? Yɛnam ho a yebedwen, ho asɛm a yɛbɛka bere biara a hokwan bue, ne Onyankopɔn Ahenni a yɛbɛhwehwɛ no kan no so na ɛyɛ saa. (Mat. 6:33; hwɛ 1973 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kratafa 153, nkyekyem 1-5.) Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛn da biara asetra, a n’afa horow ne emu asɛyɛde pii ka ho no di yɛn Nyankopɔn no ho adanse.
5 Yɛkyerɛ nso sɛ yɛde Onyankopɔn som ayɛ yɛn anigyede titiriw denam bere a yɛbɛbɔ afi honam fam nneɛma akyidi ne anigyede mu ama nhyiam, kokoam ne abusua adesua ne asɛnka no so. (Efe. 5:15, 16) Yɛkyerɛ sɛ yɛyɛ saa nso denam nea yɛwɔ a yɛhwɛ so fi yɛn pɛ mu yi de boa teokrase nnwuma, ne kae a yɛkae sɛ ade a yefi ɔkra nyinaa mu de ma no ma yenya anigye. (Luka 21:1-4: Aso. 20:35) Ɛmmra sɛ Yehowa som bɛyɛ anigyede ama yɛn mu biara.