Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma February ne March: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintim no 1983 anaasɛ ansa na saa afe no reba. Sɛ mo asafo no nni nhoma yi bi a, momfa Worldwide Security Under the ‘Prince of Peace’ no mma. Mubetumi akra bi afi Betel. April: Revelation—Its Grand Climax At Hand! May ne June: Ɔwɛn-Aban kra.
◼ Efi March no amansin so ahwɛfo baguam ɔkasa foforo no bɛyɛ “Yesu Kristo—Asase Sodifo Foforo.”
◼ Ɛbɛkyɛ kakra ansa na yɛn nsa aka Engiresi kasa mu Tra Ase Daa nhoma no nketewa no bi. Enti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ Engiresi kasa mu Tra Ase Daa nhoma no bi no nyinaa kra akɛse a yɛwɔ pii wɔ hɔ no.
◼ Mprempren Asafo ti no pene so sɛ wɔnkra ENGIRESI kasa mu Ɔwɛn-Aban bound volume a ɛyɛ mfe 1980, 1981, 1982, 1983, 1984, ne 1985 de a wɔasan atintim no. Obiara a ɔpɛ Engiresi kasa mu Ɔwɛn-Aban bound volume a wɔasan atintim no bi no mfa asafo a ɔwom no so mma wɔmfa “Literature Order Form” nkra bi mma no. Yɛsrɛ sɛ kyerɛ afe biara de a wopɛ no dodow. Esiane sɛ wɔretintim bound volume no pɛnkoro pɛ nti, yɛhyɛ obiara nkuran sɛ onsusuw nea ohia no ho yiye. Yɛsrɛ sɛ momma ɛntra mo adwene mu sɛ bound volume ahorow yi yɛ controlled stock nneɛma, enti ɛsɛ sɛ mokra nea wɔkyerɛ sɛ wɔpɛ nkutoo.
◼ Yɛbɛyɛ 1992 Nkaedi no Fida. April 17. bere a owia akɔtɔ. Ɛnsɛ sɛ wɔyɛ asafo no nhyiam foforo biara saa da no. Wobetumi ayɛ asafo nhyiam horow a wɔyɛ no Fida no da foforo. Ɛsɛ sɛ amansin so ahwɛfo yɛ nsakrae wɔ wɔn nhyehyɛe mu.
◼ Esiane sɛ mprempren ɛnyɛ den sɛ wobenya bobesa atɔ wɔ aguadidan mu nti, Asafo ti no renyɛ nhyehyɛe titiriw nkɔtɔ Nkaedi bobesa afe yi. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ wɔn ankasa nhyehyɛe na wɔanya bobesa adi afahyɛ no. Wɔrekae mpanyimfo no sɛ sɛ wɔkɔtɔ bobesa ama asafo no a, bobesa kɔkɔɔ a ɛnyɛ fremfrem, atomde nnim na wɔmfaa nneɛma mfraa mu nkutoo na eye.—Monhwɛ February 1, 1985 Ɔwɛn-Aban, kratafa 27.
◼ Afe 1992 baguam nhyiam titiriw no bedi Nkaedi no anim, na wɔbɛyɛ no wiase nyinaa Kwasida, April 5, 1992. Asɛmti no bɛyɛ “Dwuma a Nyamesom Di wɔ Wiase Nsɛm Mu.” ɛsɛ sɛ asafo ahorow a ɔmansin sohwɛfo abɛsra wɔn, wɔwɔ da koro nhyiam titiriw, anaa wɔreyɛ ɔmansin nhyiam no yɛ baguam nhyiam no Kwasida a edi hɔ no, April 12, 1992. Asafo ahorow a wɔnyɛ wɔn nhyiam Kwasida no betumi ayɛ baguam nhyiam titiriw no wɔ April 6 kosi 11 ntam.
◼ Yɛrekae ahwɛfo aguamtrafo sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe na ɔpanyin biako anaa baanu ne daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw nyinaa ahyiam sɛnea yɛn November 18, 1991, krataa no kyerɛe no, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a. Wobetumi de sɛnea wobetumi adu wɔn nnɔnhwerew ho no ho nyansahyɛ ama wɔ faako a ehia. Afe asɛm no ma 1992 ne: “Momma mo ani nnye anidaso mu . . . Munkura mpaebɔ mu ara.—Rom 12:12.” Eyi sakra December 1991 Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ no mu. Nhoma a ɛwɔ hɔ:
The Kingdom Interlinear Translation of the Greek Scriptures (1985 De) .