Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma April: Revelation—Its Grand Climax At Hand! May ne June: Ɔwɛn-Aban kra. July: Mankind’s Search for God.
◼ Asafo ahorow betumi akra Twi, Ga ne Ewe kasa mu Revelation Climax nhoma no afei.
◼ Akuapem Twi Bible a ekura tete Twi nkyerɛwde no bi wɔ hɔ, na wobetumi akra no sɛ controlled stock ade. Onyankopɔn din Yehowa no wɔ Bible nkyerɛase yi afã biara a edin no pue wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu wɔ New World Translation Bible no mu. Akwampaefo, adawurubɔfo ne ɔmanfo nyinaa begye biako biara ₵400.
◼ “WƆN A WƆDƆ ONYANKOPƆN AHOFADI” ƆMANTAM NHYIAM HOROW:
GHANA TOGO
Dodow a Wɔbae 100,171 842
Asubɔfo Dodow 26,467 556
◼ Asafo ahorow binom da so ara kyerɛw ayiyɛ ho nkrataa. Yɛnhyɛ ho nkuran. Mpɛn pii no, wɔka owu ho asɛm ma ɛtrɛw, na sɛnea eyi ma ho asɛm kɔ akyiri no dɔɔso.—Krataa a ɛhyɛ kmTW 8/79 mu, nky. 5.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔhwɛfo guamtrani no hwɛ sɛ wɔde Nkaedi Amanneɛbɔ bɛmana baa dwumadibea no ntɛm ara Dwoda April 20.