Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/92 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1992
Yɛn Ahenni Som—1992
km 7/92 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma July: Mankind’s Search for God. August: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, anaasɛ mubetumi de brochure ahorow a edidi so yi mu biara ama asi ananmu: Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, anaasɛ Nniso a Ɛde Paradise Bɛba. September: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. October: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wɔnkraa ɔsatu nneɛma a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no betumi akra wɔ ɔsram biara Literature Order Form (S-14) a edi hɔ a wɔde bɛmana no so.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu July 1, sɛ wanyɛ saa wɔ ɔsram a etwaam no mu a. Kae sɛ wobɛbɔ asafo no amanneɛ bere a wayɛ saa no.

◼ Ɛho hia sɛ adawurubɔfo ankorankoro ne abusua mufo yɛ nhyehyɛe pɔtee de nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa. Sɛ ɔsram no bɛba awiei na wunni w’asafo mu a, hwɛ hu sɛ wode wo asɛnka akontaabu bɛmana asafo no ɔkyerɛwfo wɔ bere a ɛsɛ mu na ama ɔde aka asafo no akontaabu ma ɔsram no ho.

◼ So mode mo Congregation Application for Unassigned Territory kratasin (S-90) amana? Sɛ monyɛɛ saa a, eyi yɛ nkaebɔ.

◼ Kasɛt Foforo a Aba:

Engiresi: Album of Hebrew Scriptures—Volume 3 (Hosea kosi Malachi; kasɛt 18 a ɛhyɛ album biako mu) Beware of Losing Faith by Drawing Away From Jehovah (Drama; kasɛt biako); Hosea (kasɛt biako); Kingdom Melody No. 2.

◼ Yɛde nkratasin ahorow abien amana asafo ahorow no nyinaa, wɔde biako bɛkra service form ahorow, na wɔde foforo a ɛka ho a ɛyɛ Literature Order Form (S-14) no akra controlled stock nneɛma. Yɛsrɛ mo sɛ monkan service form ahorow no dodow a mowɔ dedaw no nyinaa, na montɔ mo bo ase nkenkan kratasin foforo yi so akwankyerɛ ahorow no ansa na moahyehyɛ. Sɛ anuanom ba Betel ahɔhogyebea da biara sɛ wobegye service form ahorow a, ɛhaw adwene pii. Ɛsɛ sɛ mode 1991-1992 Literature Order Form (S-14) no kra afe afe controlled stock nneɛma. Momfa ɔfã a wɔakyerɛw hɔ sɛ Other-Language Publications a ɛwɔ kratasin no akyi no nkra nea wontua ho ka mma akwampaefo. Yɛsrɛ mo, monkyerɛw nhyɛ hɔ sɛ FREE COPIES FOR PIONEERS. Nea ɛbɛyɛ na yɛakwati ɔhaw ahorow a yehyiae wɔ afe a etwaam no mu nti, yɛhyɛ nyansa sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔhwɛfo guamtrani no nhyehyɛ nkratasin no pɛpɛɛpɛ nwie, na wɔmfa wɔn nsa nhyɛ ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena