Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/92 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1992
Yɛn Ahenni Som—1992
km 8/92 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, anaasɛ mubetumi de brochure ahorow a edidi so yi mu biara ama de asi ananmu: Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, anaasɛ Nniso a Ɛde Paradise Bɛba. September: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. October: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? November: Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban anaasɛ n’abien nyinaa kra. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wɔnkraa ɔsatu nneɛma a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no betumi akra wɔ ɔsram biara Literature Order Form (S-14) a edi hɔ a wɔde bɛmana wɔn no so.

◼ Yɛde Congregation Analysis Report (S-10) abien amana asafo ahorow no nyinaa. Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw no hwɛ hu sɛ ebedu September 10, 1992 no, na wɔahyehyɛ asafo no 1992 ɔsom afe no dwumadi wɔ so de amana.

◼ Efi September no, ɔmansin so ahwɛfo bɛma baguam ɔkasa a asɛmti ne “Yɛn Ho a Yɛbɛtew Afi Wiase no Mu Afide Ahorow Ho.”

◼ Nhoma Foforo a Aba:

Engiresi: The Bible—God’s Word or Man’s?

◼ Nhoma a Ebi Asan Aba Bio:

Engiresi: Kratawa No. 14: Dɛn Na Yehowa Adansefo Gye Di?; No. 15: Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu; No. 16: Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo?

◼ Bere a wɔrema “Wɔn a Wɔpɛ Onyankopɔn Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam no mu kasa a etwa to no, wɔkae sɛ wɔbɛyɛ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam a ɛreba no biako wɔ Nsawam. Nanso, wɔasesa ayɛ no Koforidua sɛnea mubetumi ahu wɔ June 1992 Yɛn Ahenni Som no kratafa 6 no.

◼ Yɛde Literature Inventory kratasin (S-18) abien amana asafo ahorow no nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Literature Inventory kratasin no wie, na ɔhwɛfo guamtrani no hwɛ hu sɛ ebedu September 10, 1992 no, na wɔde biako asan abrɛ Asafo ti no.

◼ Eyi ne ɔsram a etwa to wɔ ɔsom afe no mu. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no yɛ nea obetumi nyinaa sɛ, akyɛ koraa no, ebedu September 6 no, na ɔde asafo no asɛnka akontaabu amana, sɛnea ɔyɛ daa no. Sɛ ɔde akontaabu no bɛfa post office a, ɛnde akyɛ koraa no, ebedu September 6 no, na wayɛ no SPECIAL DELIVERY de amana.

◼ Ghana nyaa wɔn a wɔba Nkaedi no dodow a ɛsen biara a wɔanya pɛn a ɛyɛ 139,351 wɔ April 17, 1992 mu. Eyi yɛ asɛmpa.

◼ Efi nnɛ rekɔ, asafo biara ɔkyerɛwfo na obedi ɔmantam nhyiam ho nsɛm ho dwuma. Sɛ onni hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔpanyin foforo a ɔfata yɛ saa nnwuma yi.

◼ Yɛn nyinaa benya drama a ɛyɛ ne bere mu de a wɔbɛyɛ wɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no ase no mu mfaso, denam abakɔsɛm kyerɛwtohɔ a ɛwɔ 2 Ahene 22:1–23:23 ne 2 Beresosɛm 34:1–35:19 no a yɛbɛkenkan ansa na yɛakɔ nhyiam no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena