Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. October: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? November: Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban anaasɛ n’abien nyinaa kra. Wobetumi ama wɔakra nea ɛba asram abien biara no afe biako anaa asram asia. Wɔnyɛɛ nhyehyɛe biara a ɛbɛma wɔakra nea ɛba ɔsram anaa asram abiɛsa biara no bi asram asia. December: New World Translation ne The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no.
◼ Eyi fa asafo ahorow a Asafo ti no de ne lɔre fa wɔn nneɛma brɛ wɔn no mufo ho: Asafo a ɛte sɛɛ mufo a wɔpɛ sɛ wɔkra nsɛmma nhoma no betumi akyerɛw wɔn asafo no address wɔ kratasin a wɔde kra nsɛmma nhoma no so, na ama yɛde abrɛ wɔn wɔ bere a yɛde wɔn asafo no nneɛma brɛ wɔn no ara mu.
◼ Afei de, Asafo ahorow no betumi akra 1993 Calendar of Jehovah’s Witnesses, Yearbook, Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa ne 1992 Watchtower ne Awake! bound volume ahorow no. Wɔremfa kratasin soronko biara mmana afe yi mma wɔmfa nkra. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔde 1991-1992 Literature Order Form a wɔde kra afe afe nneɛma yi di dwuma denam Kratasin no kratafa 1 no fã a ekura asɛmti “Annual Items” a wobɛhyehyɛ no so. Ɛsɛ sɛ wɔde 1991-1992 Literature Order Form no kratafa 2 no fã a ekura asɛmti “Other-Language Publications” no di dwuma de kra nea wɔde ma akwampaefo kwa no. Nea ɛbɛyɛ na nneɛma antu amfra no, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ne ɔhwɛfo guamtrani no hwɛ hu sɛ wɔakyerɛw FREE COPIES FOR PIONEERS no wɔ saa ɔfã yi ma wohu pefee.
◼ Wɔrekae ɔsom boayikuw no sɛ wɔnhwɛ nhu sɛ ebedu September 10, 1992 no, na wɔde Congregation Analysis Report (S-10) abrɛ baa dwumadibea no; ɛsɛ sɛ wɔde Literature Inventory kratasin (S-18) no nso mana saa ara.
◼ Wɔrekae mpanyimfo no sɛ wonni April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-3 afotu no so, mfa mmoa nnipa a wɔatu wɔn anaa wɔatwe wɔn ho a wɔfata no.
◼ Wɔrema ɔhwɛfo guamtrani no aso ate sɛ ɔnhwɛ nhu sɛ ebedu September 30, 1992 no, na wɔahyehyɛ Special Service Forms Order no pɛpɛɛpɛ awie de amana Asafo ti no.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu September 1, anaa ɛno akyi pɛɛ.
◼ Nhoma a yebesua wɔ ɔman yi mu nyinaa wɔ Asafo Nhoma Adesua ase, fi November 30, 1992, ne Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn.
◼ Nneɛma a Ɛwɔ Hɔ:
Kasɛt Ahorow: Bible mu nhoma a efi Genesis kosi Adiyisɛm no nyinaa; Hebri Kyerɛwnsɛm Album; Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm Album; Beware of Losing Faith by Drawing Away From Jehovah; Jehovah Delivers Those Calling Upon His Name.
◼ Video Kasɛt: Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name.