Yɛn Man Yi mu Kasa mu Nsɛmma Nhoma ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ
1 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ Ɔwɛn-Aban no kyekyɛ adu ɔpepem 15.5 wɔ kasa horow 111 mu, a Ewe, Twi ne Ga ka ho, na yehu sɛ Nyan! nsɛmma nhoma no kyekyɛ adu ɔpepem 13:1 wɔ kasa horow 68 mu, a Twi ne Ewe ka ho!
2 So wode yɛ wo su sɛ wobɛkenkan yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma ahorow no, na wode ma wɔ asɛnka mu? Adawurubɔfo pii de kasa abiɛsa a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no mu biako yɛ Bible adesua. Sɛ woyɛ saa a, dɛn nti na womfa bi nkɔma ofiewura a ɔkenkan Twi, Ewe ne Ga kasa no daa?
3 Ɛboa wɔ Akwan Horow So: Mmofra hia awofo akwankyerɛ a wɔnam ahokokwaw so de ma. Wɔahyɛ da ayɛ Nyan! no mu “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” afã hɔ no de boa mmofra a wɔwɔ wiase nyinaa ma wɔagyina nna yi mu nsɛnnennen ano. Ntease wom sɛ awofo bi paw ɔfã yi hɔ nsɛm ahorow de yɛ wɔn abusua adesua. Abusua adesua a wɔbɛyɛ no tẽẽ afi nsɛmma nhoma no mu ye ma wɔn a wɔkenkan Twi anaa Ewe no, efisɛ ɛmma wɔnkyerɛ ase. Enti, adesua no kɔ yɔɔ, na ɛnyɛ den sɛ mmofra no betumi ate ase, efisɛ ɔman yi mu kasa nkutoo na wɔde di nkitaho.
4 Yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma ahorow no boa ma nimdeɛ a yɛwɔ wɔ kasa a wɔde kyerɛw no ho no kɔ anim, na ɛyɛ nsɛmma nhoma a yebetumi de ayɛ nhwehwɛmu. Sɛ Ewe, Twi anaa Ga na woka a, so wunim edin a wɔde frɛ nea edidi so yi wɔ yɛn man yi mu kasa mu: agama lizard, potato, sweet potato, anaasɛ endometrium? Wubetumi ahu eyinom din wɔ yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma a aba nnansa yi no mu.
5 Yebetumi de yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma no nso adi dwuma bere a yɛkyerɛ wɔn a wɔrebewie akenkan ne akyerɛw sukuu ade no. Ɛwom sɛ ɛma Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ a sukuufo no wɔ no dɔɔso de, nanso ebue wɔn adwenem wɔ nneɛma afoforo a nnipa ani gye ho no ho, na ɛma wɔn akenkan nso nya nkɔanim.
6 Esiane sɛ wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase no, asafo ahorow no mu dodow no ara na wɔka kasa abiɛsa a wɔabɔ din wɔ atifi hɔ no nti, so wotɔ yɛn man yi mu kasa mu Ɔwɛn-Aban no bi ma wo ho ne w’abusuafo afoforo? Wɔn a wonim Engiresi kasa akenkan mpo hu sɛ, sɛ wɔyɛ Ɔwɛn-Aban adesua no wɔ yɛn man yi mu kasa mu a, eye sɛ wobenya bi. Efisɛ ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛ Engiresi kasa mu nsɛm bi, ne Bible ne wiase nhoma ahorow mu nsɛm a wɔafa aka asɛm no akɔ yɛn man yi mu kasa mu ntɛm ara, bere a wɔrema mmuae no. Sɛ obi a onim Engiresi kasa akenkan no de yɛn man yi mu kasa mu Ɔwɛn-Aban di dwuma a, wɔadi saa ɔhaw no ho dwuma ama no.
7 Sɛ wonkae sɛ wɔmma wo yɛn man yi mu kasa mu Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no bi a, dɛn nti na wunkohu wɔn a wɔhwɛ so no na wonyɛ saa? Wubetumi ayɛ saa nso denam ebi a w’ankasa wobɛkra no so. Sɛ nea wobɛkra no ba a, fi nokwaredi mu kenkan, na woanya nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de mu mfaso ma w’ankasa honhom fam ne honam fam yiyedi. Sɛ yetie atifi hɔ nyansahyɛ ahorow no a, yɛbɛkyerɛ yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma ahorow no ho anisɔ a ɛfata.