Asɛnka a Wɔnkɔ Daa So a Wobedi
1 Odwontofo no kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Mehyira wo daa nyinaa.” (Dw. 145:2a) Nhyehyɛe bɔne yi bere a aka yɛ tiaa koraa. Enti, sɛ Yehowa nkoa a yɛahyira yɛn ho so no, yɛn asɛyɛde ne sɛ yɛbɛbɔ “ayeyi afɔre” a eye ama No “daa nyinaa” denam asɛnka a yɛbɛkɔ daa no so. (Heb. 13:15) So woreyɛ saa?
2 Nokware Kristoni biara nni hɔ a obetumi apow adwuma a ɛyɛ hokwan a ɛne asɛmpa no dawurubɔ no ma afata. Esiane sɛ ‘Kristofo ne wiase hann’ nti, ɛsɛ sɛ obiara yɛ nhyehyɛe de nya asafo no asɛnka adwuma nhyehyɛe no mu kyɛfa daa. (Mat. 5:14) Wɔn a wɔyɛ wɔn ankasa nnwuma betumi ayi da bi asi hɔ wɔ dapɛn no mu ama asɛnka adwuma. Afei nso, sɛ wɔyɛ nsakrae kakra a, pii betumi anya bere ayɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow anwummere. Abusua mufo betumi asiesie wɔn ho na wɔasuasua asɛnkakɔ daa, na wɔayɛ adwuma abom wɔ asɛnka mu wɔ bere ne bere mu. (Mmeb. 27:17; Ɔsɛnk. 4:9, 10) Ehia sɛ okununom boa wɔn yerenom ne wɔn mma ma wɔkɔ asɛnka daa, na wɔde wɔn akontaabu ma ntɛm ara ɔsram biara.—Fa toto 1 Timoteo 3:4, 12 ho.
3 Ɛdenam ahosiesie pa ne su a ɛfata so no, ayarefo ne ɛnanom a wɔawo foforo betumi adi wɔn a wɔbɛsra wɔn no adanse bɔnnɔ so. (Dw. 113:1-3; fa toto Luka 21:2-4 ho.) Ma Bible no, nkratawa, ne nsɛmma nhoma ahorow mmɛn wo, na fa anifere dan nkɔmmɔbɔ ahorow si Ahenni no so. Fa nea wutumi yɛ wɔ ɔsram no mu no nyinaa ho akontaabu ma ntɛm ara. Sɛ ɛsɛ sɛ wutu kwan ansa na ɔsram no aba awiei a, fa w’akontaabu ma ansa na woakɔ. Sɛ woretu kwan a, fa nkratawa ne nsɛmma nhoma ahorow hyɛ wo ho, na fa eyinom di adanse bɔnnɔ so. Bɔ mmɔden kɔ nhyiam horow, na wo ne anuanom a wɔwɔ baabiara a wutu kwan kɔ no nkɔ asɛnka.
4 Ɛsɛ sɛ ahwɛfo de yɛ wɔn botae titiriw sɛ wɔbɛboa wɔ asɛnka adwuma no mu. Ebehia sɛ wodi anim wɔ kuw adansedi mu. Sɛ ahwɛfo ne adawurubɔfo no bɔ saa daa a, wobetumi ahu wɔn a wɔyɛ mmerɛw no haw ahorow na wɔaboa wɔn ma wɔakɔ asɛnka daa. Ehia sɛ wosi asɛnka mu ahokafo nhyehyɛe no so dua sɛ mmoa wɔ eyi yɛ mu. Wobetumi aka akyerɛ adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw ne akwampaefo ma wɔaboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no wɔ asɛnka mu. Ansa na ɔsram no bɛba awiei no, adesua so ahwɛfo betumi akae anuanom sɛ wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mma ntɛm. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ nkontaabu a ne nsa aka no mu ntɛm, na okohu wɔn a wɔamfa wɔn akontaabu amma no—ebia na ebinom kɔɔ asɛnka de, nanso wɔamfa wɔn akontaabu amma.
5 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo, asafo mu asomfo, akwampaefo, anuanom a wɔkɔ asɛnka daa boa wɔn a wɔnkɔ asɛnka daa no ntɛm. Momma yɛnyɛ pii wɔ Kristofo som adwuma no mu “anadwofa ne anɔpa ne owigyinae,” na yenyi yɛn Nyankopɔn yamyefo, Yehowa, no ayɛ!—Dw. 55:17; 1 Kor. 15:58.