Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/92 kr. 5
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1992
Yɛn Ahenni Som—1992
km 12/92 kr. 5

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma December: New World Translation of the Holy Scriptures ne The Bible​—God’s Word or Man’s? nhoma no. January: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. February: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ 1983 mu anaa nea akyɛ sen saa. Sɛ mo asafo no nni saa nhoma no bi a mode bɛma a, momfa True Peace and Security—How Can You Find It? nhoma no mma, na mubetumi akra bi afi Asafo ti no hɔ. March: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. April: Adiyisɛm Awiei! anaasɛ Young People Ask. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wonnya nkraa atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn ɔsram biara Literature Order Form (S-14) a edi hɔ no nyɛ saa.

◼ Ɛsɛ sɛ akyerɛwfo de Pioneer Service Identification nkratasin foforo ma akwampaefo a wɔatu aba wɔn asafo mu no. Nanso, monhyɛ no nsow sɛ ɛsɛ sɛ mobɔ Asafo ti no amanneɛ wɔ wɔn mu biara a ofi ɔman foforo so aba Ghana ha no ho. Eyi bɛma Asafo ti no atumi ne ɔman a onii no fi mu bae no baa dwumadibea adi nkitaho ansa na wɔde kratasin no ama no. Yɛsrɛ mo sɛ monkenkan eyi ho krataa a yɛkyerɛw no May 13, 1991 no. Afei nso, ansa na mode S-206 kratasin a mode bɔ Asafo ti no amanneɛ sɛ ɔkwampaefo bi regyae akwampae adwuma no bɛmana no, yɛsrɛ sɛ monkenkan kratasin no so akwankyerɛ ahorow no yiye na mommua ɛho nsemmisa no nyinaa. Monkae sɛ mode obi a ɔregyae akwampae adwuma no Pioneer Service Identification kratasin no bɛka S-206 no ho.

◼ Wɔayɛ nsakrae ahorow wɔ School Guidebook no mu na ama emu nsɛm no ne nhyehyɛe ahorow no ayɛ ne bere mu de. Nsakrae titiriw biako pɛ a wɔayɛ, a ɛwɔ nkratafa 100 kosi 102 no fa Teokrase Ɔsom Sukuu no ho, na ɛma emu nhyehyɛe no ne akwankyerɛ ahorow a wotintim no afe afe wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu Nhyehyɛe mu no hyia. Mprempren School Guidebook a wɔayɛ nsakrae wom yi wɔ Engiresi kasa mu, na asafo ahorow no betumi akra nea wohia.

◼ Bere aso sɛ yɛsan hyehyɛ “Medical Directive” kratasin ne “Identity Card” foforo January 1. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu nyinaa hwɛ hu sɛ wɔasan ahyehyɛ “Medical Directive” foforo ama wɔn ho ne “Identity Card” ama wɔn mma nkumaa biara a ebia wɔwɔ no.

◼ Monhwɛ nhu sɛ mobɛkyerɛw afe asɛm no abɔ mo Ahenni Asa so ntɛm ara January 1.  Afe asɛm no ne: “O Yehowa, kyerɛkyerɛ me . . . Ka me koma bom ma ensuro wo din.”​—Dw. 86:​11, New World Translation.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa a obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu December 1 anaasɛ wɔ ɛno akyi pɛɛ. Sɛ wɔyɛ saa wie a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ asafo no amanneɛ.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔawie wɔn asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma no kae sɛ wɔde ɛho amanneɛbɔ no bɛmana ntɛm ara.

◼ Wɔatwe “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam a wɔbɛyɛ no Tamale no akɔ anim dapɛn biako. Nhyiam no date foforo no yɛ January 15-17, 1993. Nsakrae no ho abehia efisɛ date no wɔ dapɛn a Kwasafoman a Ɛto so Anan no fi ase no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena