Nhoma a Yɛde Rema August a Yɛde Bedi Dwuma wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So
1 Nea ɛbɛyɛ na asuafoyɛ adwuma no akɔ so ntɛmntɛm no, ahyehyɛde no de nhoma ahorow pii ama. Eyi mu bi ne nhoma a ekura nkratafa 192 a ɛka nsɛmti pɔtee te sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ma asase no, abusua asetra a anigye wom, sɛnea yɛbɛsan anya nokware asomdwoe, sɛnea yebedi nsɛnnennen a mmofra hyia ho dwuma, ne nea yegyina so gye Bible no tom sɛ Onyankopɔn Asɛm ho asɛm. Yɛde nhoma Happiness—How to Find It ne Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye rema wɔ August mu de aboa yɛn asasesin no mu nnipa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa wɔ ɔkwan a etu mpɔn so?
2 Happiness—How to Find It nhoma no de nea yegyina so nya anigye wɔ wiase yi mu nsɛnnennen nyinaa akyi ma. Ɔkwan bɛn so na yɛde bɛkyerɛ? Ɛwom sɛ nnipa pii bu aduan ne ntade a ɛsɛ, akwahosan pa, ofi pa ne nnamfo pa a wobenya sɛ nneɛma atitiriw de, nanso pii ho hia sen saa na yɛanya nokware anigye. Nhoma no ti a edi kan twe adwene si eyi so.
3 Bere a woada wo ho adi awie no, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Dɛn na wobɛka sɛ ɛne anigye a ɛtra hɔ daa nnyinaso?” Twɛn ma ommua. Kenkan Ɔsɛnkafo 2:22, 23. Afei bue Happiness nhoma no kratafa 7, na munsusuw nkyekyem 9 fã a edi kan, ne afei nkyekyem 13 a ɛwɔ nkratafa 8 ne 9 ho tiawa. Ɛno akyi no, dan n’adwene kɔ baabi a wɔahyehyɛ emu nsɛm no a wɔakyerɛw nsɛnnennen a wɔde ano aduru a egyina Bible so ama wɔ nhoma no mu wɔ hɔ no, na fa anigye ka kyerɛ no sɛ wo ne no bɛyɛ Bible adesua. Sɛ wannye nhoma a yɛde rema no a, dɛn nti na womfa kratawa bi te sɛ Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw anaa Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu mma no, na wonyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba ma moabɔ nkɔmmɔ?
4 Abusua asetra resɛe wɔ yɛn bere yi mu. Nokware a aware mu ahokafo nni, awarefo nsɛm a nsenom de wɔn ho hyehyem, mmofra asoɔden, sika fam ahokyere, mmofra bra a asɛe ne nyinsɛn a wotu gu, nnuru a wɔkɔ so de di dwuma wɔ ɔkwammɔne so, ne adan a ɛho yɛ na, ka ɔhaw ahorow a ama ayɛ den sɛ wobenya abusua asetra a anigye wom no ho. Abusua Asetra nhoma no de Onyankopɔn Asɛm mu afotu pa a ɛbɛboa ma wɔadi ɔhaw ahorow a emu yɛ den yi so ma. Nnianim asɛm a edi hɔ no betumi akanyan anigye.
5 Wubetumi aka sɛ:
◼ Nnipa pii bisa sɛ, ‘So yebetumi anya abusua asetra a biakoyɛ ne anigye wom nnɛ?’ So wo nso woabisa saa?” Twɛn ma ommua, na afei ka sɛ: “Hyɛ no nsow sɛ Efesofo 3:14 ne 15 ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ abusua asetra Hyehyɛfo. Onim nneɛma a adesamma hia, na ɔpɛ sɛ yɛn ani gye, enti ɔde abusua asetra ho afotu ma yɛn.” Sɛ mokenkan kyerɛwsɛm no wie a, twe n’adwene si Abusua Asetra nhoma no nkratafa 9 ne 10 so, na kenkan nkyekyem 14. Eyi betumi ama moasusuw ti no mu nkyekyem a edidi so no ho tiawa. Fa nhoma no ma, na ka kyerɛ no sɛ ɔmpaw ti a mubesusuw ho wɔ wo nsrahwɛ a edi hɔ no mu. Sɛ ofiewura no annye nhoma a, wubetumi de Nya Abusua Asetra Mu Anigye kratawa no ama no.
6 Kyerɛ a yɛde nhoma a ɛyɛ ne bere mu de bɛkyerɛkyerɛ nnipa a wɔte sɛ nguan asɛmpa no yɛ ade a yɛn nyinaa betumi ayɛ. Yebetumi aboa nnipa a wogu ahorow ma wɔde wɔn ho abɛbɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no, na wɔanya nnɛ ɔhaw ahorow no ano aduru a Bible de ma no mu mfaso. Ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yebenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa bere a yɛde nhoma abien a yɛde ma wɔ August mu no di dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no.