Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Yɛde True Peace and Security—How to Find It ne “Let Your Kingdom Come” abien nyinaa bɛma de agye ₵1,000. October: Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban kra. November: New World Translation of the Holy Scriptures ne The Bible—God’s Word or Man’s nhoma no. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn asram biara Literature Order Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi.
◼ Nhoma a efi November 8, 1993 yebesua wɔ ɔman no nyinaa mu wɔ Asafo Nhoma Adesua ase ne, Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye.
◼ Yɛrekae ɔsom boayikuw no sɛ wɔnhwɛ nhu sɛ ebedu September 6, 1993 no, na wɔde Literature Inventory kratasin no (S-18) no amana baa dwumadibea no. Ɛsɛ sɛ wɔde Asafo Dwumadi Mu Nhwehwɛmu ho Amanneɛbɔ (S-10) no mana ansa na September 10, 1993 adu.
◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔreyɛ nhyehyɛe afi daa akwampae ɔsom adwuma ase October 1, 1993 no kyerɛw akwammisa ntɛm. Ɛsɛ sɛ wɔde akwammisa krataa no mana Asafo ti no bere tenten ansa na September awiei adu. Yɛsrɛ mo monhwɛ nea ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 21 kosi 26 mu.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu wɔ September 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ saa wie a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ asafo no amanneɛ.
◼ Yɛrekae mpanyimfo sɛ wonni akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-3 mu a ɛfa obiara a wɔatu no anaa watwe ne ho a ebia ɔbɛpɛ sɛ wɔsan gye no ho no ho dwuma.
◼ Nhoma Ahorow a Ebi Asan Aba Bio:
Ewe, Ga, Twi: Kenkan Mfiase. Ewe ne Twi: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn.