Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/93 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1993
Yɛn Ahenni Som—1993
km 12/93 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. January: Nhoma biara a ekura a nkratafa 192 a wotintim no wɔ krataa a etumi dodow anaa ɛpa so anaa nea wotintimii ansa na 1980 reba biara. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de Mankind’s Search for God ama. February: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. March: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa ɔsram biara “Literature Order Form” (S-14) a edi hɔ no nkra bi.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu December 1, anaasɛ ntɛm ara wɔ ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi a, wɔmfa ho nkaebɔ mma asafo no.

◼ Wɔbɛyɛ 1995 Nkaedi no Fida, April 14, bere a owia akɔtɔ. Wɔadi kan aka da a wɔde bɛyɛ 1995 Nkaedi afahyɛ no ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ na faako a asafo pii na wohyiam wɔ Ahenni Asa bi so a enti ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ mmeae afoforo no, anuanom betumi afi ase adi ho dwuma.

◼ January 1 na bere so sɛ yɛhyehyɛ “Medical Directive” kratasin ne “Identity Card” foforo. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu nyinaa hwɛ hu sɛ wɔahyehyɛ “Medical Directive” foforo ama wɔn ho, na wɔahyehyɛ “Identity Card” foforo ama wɔn mma nkumaa nyinaa.

◼ Monhwɛ nhu sɛ mode afe asɛm foforo no bɛbɔ mo Ahenni Asa so January 1 pɛpɛɛpɛ. Afe asɛm no ne sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho.”—Mmeb. 3:5.

◼ Yɛsra asafo ahorow a wɔawie asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa a wɔde maa wɔn no mu adwumayɛ no sɛ wɔnkae mfa wɔn kyerɛwtohɔ mmra ntam.

◼ Nhoma Afoforo a Ɛwɔ Hɔ:

Ewe: Mankind’s Search for God; Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye. Ga: Mankind’s Search for God.

◼ Nhoma Ahorow a Ebi Asan Aba:

Engiresi: Mankind’s Search for God. Ga: Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena